Isak Frɛ Esau
Isak, a n'ani afura na ɔresiesie ne ho awu, soma Esau sɛ ɔnkɔyɛ aduan mmrɛ no. Rebeka de mmirekyi nhoma hyɛ Yakob sɛnea ɔbɛwia nhyira no, na Isak de ma no. Nhyira foforo biara nni hɔ ma Esau, asɛm a ɛyɛ den nko ara, na Yakob guan sɛ ɔnkɔgye ne nkwa.
27 1Bere a Isak bɔɔ akwakoraa na nʼani so yɛɛ kusuu a ɔrentumi nhu ade no, ɔfrɛɛ ne babarima panin Esau ka kyerɛɛ no se, “Me ba.” Ɔbuae se, “Me ni.”
2Isak kae se, “Hwɛ, mabɔ akwakoraa; minnim da a mewu. 3Afei fa wʼakode, wʼagyantoa ne wʼagyan, na kɔ wuram kɔbɔ ahayɔ kum nam bi brɛ me. 4Afei yɛ aduan a ɛyɛ dɛ a mepɛ no ma me, na fa bra mma menni, na me kra ahyira wo ansa na mawu.”
5Rebeka tiee bere a Isak rekasa akyerɛ ne ba Esau no. Esau kɔɔ wuram kɔbɔɔ ahayɔ sɛ ɔde nam bɛba. 6Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob se, “Mate wʼagya sɛ ɔreka akyerɛ wo nua Esau se, 7‘Kɔkum nam bi brɛ me, na yɛ aduan a ɛyɛ dɛ ma me menni, na mahyira wo wɔ yɛn Agya anim ansa na mawu.’ 8Afei me ba, tie me nne, na yɛ nea meka kyerɛ wo no pɛpɛɛpɛ. 9Kɔ nnwan ne mmirekyi no mu, na fa mmirekyi mma pa abien fi hɔ brɛ me, na menyɛ aduan a ɛyɛ dɛ mma wʼagya, sɛnea ɔpɛ no. 10Afei fa kɔma wʼagya na onni, na wahyira wo ansa na wawu.”
11Yakob ka kyerɛɛ ne na Rebeka se, “Hwɛ, me nua Esau yɛ ɔbarima a ne ho wɔ nwi bebree, na me de, me ho yɛ torotoro. 12Sɛ mʼagya de ne nsa ka me a, ɛbɛyɛ dɛn? Mɛyɛ ɔdaadaafo wɔ nʼani so, na mɛfa nnome aba me ho, na ɛnyɛ nhyira.”
13Ne na kae se, “Me ba, ma wo nnome no mmra me so; tie me nne ara: kɔ, kɔfa wɔn bra me.”
14Enti Yakob kɔe, kɔfaa mmirekyi no de brɛɛ ne na, na ne na yɛɛ aduan a ɛyɛ dɛ a nʼagya pɛ no. 15Afei Rebeka faa ne babarima panin Esau ntade a ɛyɛ fɛ sen biara a ɛwɔ ne nkyɛn wɔ fie no, de hyɛɛ ne babarima kumaa Yakob. 16Ɔde mmirekyi nhoma no kataa ne nsa ne ne kɔn a ɛyɛ torotoro no so. 17Afei ɔde aduan a ɛyɛ dɛ no ne brodo a wayɛ no hyɛɛ ne ba Yakob nsa.
18Yakob kɔɔ nʼagya nkyɛn kae se, “Mʼagya.” Ɔkae se, “Me ni. Me ba, wone hwan?”
19Yakob ka kyerɛɛ nʼagya se, “Mene Esau, wʼabakan. Mayɛ sɛnea woka kyerɛɛ me no. Mesrɛ wo, sɔre tena ase na di me nam no, na wo kra ahyira me.”
20Isak bisaa ne ba no se, “Me ba, woayɛ dɛn na woanya no ntɛm saa?” Ɔkae se, “Efisɛ wʼAgya ama me ayɛ yiye.”
21Isak ka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba, mesrɛ wo, bɛn me na mede me nsa nka wo, na mahu sɛ wone me ba Esau ampa anaasɛ ɛnte saa.”
22Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn, na Isak de ne nsa kaa no kae se, “Nne no yɛ Yakob nne, nanso nsa no yɛ Esau nsa.” 23Isak anhu no, efisɛ na Yakob nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau nsa, enti Isak hyiraa no. 24Ɔbisaa se, “Wone me ba Esau ampa?” Na ɔkae se, “Ɛyɛ me.”
25Isak kae se, “Fa me ba nam no brɛ me, na me kra ahyira wo.” Yakob de brɛɛ no, na odii; ɔde nsa brɛɛ no, na ɔnomee.
26Afei nʼagya Isak ka kyerɛɛ no se, “Me ba, bɛn me na fe me ano.” 27Enti Yakob bɛnee no fee nʼano. Isak tee ne ntade no hua, hyiraa no kae se, “Hwɛ, me ba no hua te sɛ afuw bi hua a yɛn Agya ahyira no. 28Yɛn Agya mfa ɔsoro bosu ne asase so srade, ne aburow ne nsa foforo bebree mma wo. 29Ma aman nsom wo na amanaman nkotow wo. Di wo nuanom so, na ma wo na mma nkotow wo. Wɔnnome obiara a ɔdome wo, na wɔnhyira obiara a ohyira wo.”
30Bere a Isak hyiraa Yakob wiei, na Yakob fii nʼagya Isak anim ara pɛ no, ne nua Esau fii ahayɔ mu bae. 31Ɔno nso yɛɛ aduan a ɛyɛ dɛ de brɛɛ nʼagya, ka kyerɛɛ nʼagya se, “Mʼagya nsɔre na onni ne ba nam no bi, na wo kra ahyira me.”
32Nʼagya Isak bisaa no se, “Wone hwan?” Ɔkae se, “Mene wo ba, wʼabakan, Esau.”
33Isak ho popoe denneennen kae se, “Ɛnde hwan na ɔbɔɔ ahayɔ de nam brɛɛ me? Midii ne nyinaa ansa na woreba, na mehyiraa no; yiw, ɔbɛnya nhyira ampa!”
34Bere a Esau tee nʼagya nsɛm no, osui denneennen a ɛyɛ yaw, ka kyerɛɛ nʼagya se, “Mʼagya, hyira me nso!”
35Isak kae se, “Wo nua de nnaadaa bae, bɛfaa wo nhyira.”
36Esau kae se, “Ɛnyɛ ampa na wɔato no din Yakob? Wadaadaa me mprenu: ɔfaa mʼabakan hokwan, na afei wafa me nhyira.” Afei ɔbisaa se, “Woankora nhyira bi amma me?”
37Isak buaa Esau se, “Hwɛ, mede no asi wo so wura, mede ne nuanom nyinaa ama no sɛ nkoa, na mede aburow ne nsa foforo ahwɛ no. Ɛnde, me ba, dɛn na mebɛtumi ayɛ ama wo?”
38Esau ka kyerɛɛ nʼagya se, “Mʼagya, nhyira baako pɛ na wowɔ? Mʼagya, hyira me nso!” Esau sui denneennen.
39Afei nʼagya Isak buaa no se, “Hwɛ, wo tenabea bɛwɔ asase so srade akyirikyiri, na ɛbɛwɔ ɔsoro bosu a ɛwɔ soro no akyirikyiri. 40Wʼafoa so na wobɛtra ase, na woasom wo nua. Nanso bere a wo ho ntɔ wo bio no, wobɛbubu ne kɔndua afi wo kɔn mu.”
41Esau kyii Yakob esiane nhyira a nʼagya de maa no no nti, na ɔka kyerɛɛ ne ho se, “Mʼagya ayi nna abɛn; ɛno akyi mɛkum me nua Yakob.”
42Bere a wɔka kyerɛɛ Rebeka nea ne babarima panin Esau kae no, ɔsoma frɛɛ ne babarima kumaa Yakob ka kyerɛɛ no se, “Wo nua Esau rekyekye ne werɛ wɔ wo ho; ɔpɛ sɛ okum wo. 43Afei, me ba, tie me nne: sɔre, guan kɔ me nuabarima Laban nkyɛn wɔ Haran. 44Kɔtena ne nkyɛn kakra, kosi sɛ wo nua abufuw bedwo, 45kosi sɛ wo nua bo befi wo so na ne werɛ afi nea woyɛɛ no no. Afei mɛsoma ma wɔde wo afi hɔ aba. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mehwere mo baanu da koro?”
46Rebeka ka kyerɛɛ Isak se, “Me nkwa afono me esiane Hetfo mmea yi nti. Sɛ Yakob ware Het mmabea a wofi asase yi so a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ mete ase?”