Agya no Ma Debora ne Barak So
Mfe aduonu a wɔhyɛɛ Sisera nteaseɛnam dade ahankron ase no ba awiei bere a Debora, a obu atɛn wɔ ne mmetɛ dua ase no, frɛ Barak. Ɔbɛkɔ sɛ ɔno nso bɛkɔ a nkutoo, enti anuonyam no kɔ ɔbea bi so. Yɛn Agya bɔ nteaseɛnam no hwete, na Yael de ntamadan pɛnten bɔ fa Sisera a ɔreguan no asumu.
4 1Bere a Ehud wui no, Israelfo san yɛɛ bɔne wɔ yɛn Agya ani so. 2Enti yɛn Agya de wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a odii hene wɔ Hasor no nsa. Ne sraafo safohene ne Sisera a ɔtenaa Haroset-Hagoyim no. 3Afei Israelfo su frɛɛ yɛn Agya, efisɛ na Sisera wɔ nnade nteaseɛnam ahankron, na wahyɛ wɔn so denneennen mfe aduonu. 4Saa bere no, odiyifo baa Debora, Lapidot yere, na ɔbu Israel atɛn. 5Ɔtenaa Debora Abɛ no ase wɔ Rama ne Bet-El ntam wɔ Efraim bepɔ asase so, na Israelfo baa ne nkyɛn sɛ ɔmmu wɔn nsɛm ho atɛn. 6Ɔsoma kɔfrɛɛ Abinoam ba Barak fii Kedes a ɛwɔ Naftali no, na ɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn Agya, Israel Nyankopɔn, nhyɛɛ wo se: Kɔ, kɔ Tabor Bepɔ so, na fa Naftali ne Sebulon mmarima ɔpedu ka wo ho. 7Mɛtwe Sisera, Yabin sraafo safohene no, ne ne nteaseɛnam ne nʼakofo aba wo nkyɛn wɔ Kison Asubɔnten ho, na mede no ahyɛ wo nsa.”
8Barak ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wo ne me bɛkɔ a, mɛkɔ; nanso sɛ wo ne me renkɔ a, merenkɔ.”
9“Ampa, me ne wo bɛkɔ,” ɔkae se, “nanso kwan a wofa so no so, worennya anuonyam biara, efisɛ yɛn Agya de Sisera bɛhyɛ ɔbaa bi nsa.” Enti Debora sɔre ne Barak kɔɔ Kedes. 10Barak frɛɛ Sebulon ne Naftali baa Kedes; mmarima ɔpedu dii nʼakyi foro kɔe, na Debora ne no kɔe. 11Kenifo Heber a ofi Mose ase Hobab asefo mu no atew ne ho afi Kenifo ho, na wasi ne ntamadan akɔsi odum dua a ɛwɔ Saananim, Kedes nkyɛn no ho. 12Bere a wɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo akɔ Tabor Bepɔ so no, 13Sisera frɛɛ ne nteaseɛnam nyinaa—nnade nteaseɛnam ahankron—ne nʼakofo nyinaa fii Haroset-Hagoyim kɔɔ Kison Asubɔnten ho.
14Debora ka kyerɛɛ Barak se, “Sɔre! Ɛnnɛ yɛn Agya de Sisera rehyɛ wo nsa. Ɛnyɛ yɛn Agya na wadi wʼanim kan ana?” Enti Barak de ahoɔhare sian fii Tabor Bepɔ so, na mmarima ɔpedu di nʼakyi. 15Na yɛn Agya de akofena bɔɔ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne nʼakofo nyinaa basabasa wɔ Barak anim; Sisera fii ne teaseɛnam mu, de nan guanee. 16Barak taa nteaseɛnam ne akofo no kɔsii Haroset-Hagoyim, na Sisera akofo no nyinaa totɔɔ akofena ano; obiako mpo annya ne ti anni.
17Saa bere no, Sisera de nan guan kɔɔ Kenifo Heber yere Yael ntamadan mu, efisɛ na asomdwoe wɔ Hasor hene Yabin ne Heber fifo ntam. 18Yael fii adi kohyiaa Sisera ka kyerɛɛ no se, “Me wura, dan bra, dan bra me nkyɛn; nsuro.” Enti Sisera dan kɔɔ ne ntamadan mu, na Yael de kɛtɛ kataa no so.
19Ɔkae se, “Mesrɛ wo, ma me nsu kakra; sukɔm de me.” Yael buee nufusu kotokuo bi, maa no nom, na ɔsan kataa no so.
20Ɔka kyerɛɛ no se, “Gyina ntamadan no ano. Sɛ obi ba bɛbisa wo se, ‘Ɔbarima bi wɔ ha ana?’ a, ka se, ‘Dabi.’”
21Nanso Heber yere Yael faa ntamadan dua ne hama, de brɛoo kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbɔɔ dua no wɔɔ ne ti nkyɛn kɔhyɛɛ fam, bere a na ɔbrɛ nti ɔda nnahɔɔ no. Enti owui. 22Ɛhɔ ara na Barak duruu sɛ ɔretaa Sisera, na Yael fii adi kohyiaa no. “Bra,” ɔkae se, “na mɛkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no.” Barak ne no kɔɔ mu, na Sisera da hɔ awu, na ntamadan dua no awɔ ne ti nkyɛn. 23Saa da no, yɛn Agya brɛɛ Kanaan hene Yabin ase wɔ Israelfo anim. 24Israelfo nsa yɛɛ den kɛse kɛse wɔ Kanaan hene Yabin so, kosii sɛ wɔsɛee no.