Mose Nkra a Etwa To
Mose di mfe ɔha aduonu no, ɔde adwuma no hyɛ obi nsa: yɛn Agya di kan kɔ na ɔrennyaw wo da, Yosua na ɔbɛdi anim. Wɔkyerɛw mmara no, na wɔbɛkenkan no dennen mfe nson biara akyerɛ obiara a mmofra ka ho. Wɔkyerɛ dwom bi, efisɛ onim sɛ wɔbɛdan wɔn akyi.
Yɛn Agya kasa wɔ nkyekyɛmu ahorow 14–21, 23
31 1Afei Mose kɔɔ kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Israel nyinaa. 2Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnɛ madi mfe ɔha aduonu; merentumi mfi adi na menkɔ mma bio, na yɛn Agya aka akyerɛ me se, ‘Worentwa Yordan yi.’ 3Mo Agya ankasa na obedi mo anim atwa akɔ; ɔbɛsɛe aman yi wɔ mo anim, na moatu wɔn afi hɔ. Yosua na obedi mo anim atwa akɔ, sɛnea yɛn Agya aka no. 4Yɛn Agya bɛyɛ wɔn sɛnea ɔyɛɛ Amorifo ahemfo Sihon ne Og ne wɔn asase, bere a ɔsɛee wɔn no. 5Yɛn Agya de wɔn bɛhyɛ mo nsa, na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔn pɛpɛɛpɛ sɛnea mahyɛ mo no. 6Monyɛ den na mo bo nyɛ duru. Munnsuro wɔn, na mommma wɔn ho nnwiriw mo, efisɛ mo Agya ka mo ho kɔ; ɔrennyaw mo da, na ɔrempa mo akyi da.”
7Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no wɔ Israel nyinaa anim se, “Yɛ den na wo bo nyɛ duru, efisɛ wo na wobɛka nkurɔfo yi ho akɔ asase a yɛn Agya ka kyerɛɛ wɔn agyanom ntam se ɔde bɛma wɔn no so, na wo na wode bɛkyɛ wɔn sɛ wɔn agyapade. 8Yɛn Agya ankasa na odi wʼanim kɔ; ɔbɛka wo ho. Ɔrennyaw wo da, na ɔrempa wʼakyi da. Nsuro; mma wʼabam mmu.”
Wɔde Mmara no Hyɛ Israel Nsa
9Mose kyerɛw mmara yi de maa asɔfo, Lewi mma a wɔsoaa yɛn Agya apam adaka no, ne Israel mpanyimfo nyinaa. 10Afei Mose hyɛɛ wɔn se, “Mfe ason biara awiei, wɔ bere a wɔahyɛ ama afe a wɔde ɛka kyɛ no mu, wɔ Ntamadan Afahyɛ no mu, a a v10 Ntamadan Afahyɛ: otwabere afahyɛ a ɛdi nnawɔtwe baako, a mmusua sisii ntamadan a ɛnyɛ daa de tenaa mu de kaee Israel akwantu wɔ sare so no. 11bere a Israel nyinaa ba mo Agya anim wɔ baabi a ɔbɛyi no no, monkenkan mmara yi den nkyerɛ Israel nyinaa. 12Momfrɛ nkurɔfo no mmoaboa ano, mmarima, mmea, mmofra ne ɔhɔho a ɔte mo nkurow mu no, na wɔate, wɔasua, na wɔasuro mo Agya, na wɔahwɛ ayɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa. 13Afei wɔn mma a wonnim mmara yi no bɛte, na wɔasua sɛ wobesuro mo Agya, nna a mobɛtena asase a moretwa Yordan akɔfa no so nyinaa.”
Yɛn Agya De Adwuma Hyɛ Yosua Nsa
14Yɛn Agya ka kyerɛɛ Mose se, “Wo wu abɛn. Frɛ Yosua na mommra mmegyina ahyiae ntamadan no mu, na mede adwuma bɛhyɛ ne nsa.” Enti Mose ne Yosua kɔɔ kɔgyinaa ahyiae ntamadan no mu.
15Afei yɛn Agya yii ne ho adi wɔ ntamadan no mu wɔ mununkum fadum mu, na mununkum fadum no gyinaa ntamadan no ano. 16Na yɛn Agya ka kyerɛɛ Mose se, “Ɛrenkyɛ wobɛda wo agyanom nkyɛn. Afei nkurɔfo yi bɛsɔre adi asase a wɔrekɔ so no anyame ahɔho akyi sɛ nguamanfo, na wɔagyaw me, na wɔabu apam a me ne wɔn ayɛ no so. 17Saa da no mʼabufuw bɛdɔ wɔn so. Mɛgyaw wɔn, mede mʼanim besie wɔn, na wɔbɛsɛe wɔn. Amanehunu ne ɔhaw pii bɛba wɔn so. Saa da no wɔbɛka se, ‘Ɛnyɛ sɛ yɛn Nyankopɔn nka yɛn ho nti na amanehunu yi aba yɛn so?’ 18Ampa ara, mede mʼanim besie saa da no, bɔne a wɔayɛ nyinaa nti, sɛ wɔadan wɔn ho akɔ anyame foforo nkyɛn.
19Afei monkyerɛw dwom yi mma mo ho, monkyerɛ Israelfo, momfa nhyɛ wɔn anom, na dwom yi adi adanse ama me atia Israelfo. 20Sɛ mede wɔn ba asase a nufusu ne ɛwo sen so a meka kyerɛɛ wɔn agyanom ntam no so a, wobedidi amee, ayɛ srade, na wɔadan wɔn ho akɔ anyame foforo nkyɛn, asom wɔn, abu me animtiaa, na wɔabu mʼapam so. 21Sɛ amanehunu ne ɔhaw pii to wɔn a, dwom yi bɛgyina wɔn anim sɛ ɔdansefo, efisɛ ɛremfi wɔn asefo anom. Efisɛ minim nea wɔreyɛ ho adwene nnɛ, ansa na mede wɔn aba asase a meka ntam sɛ mede bɛma wɔn no so.”
22Enti Mose kyerɛw dwom yi saa da no ara, na ɔkyerɛɛ Israelfo.
23Afei yɛn Agya de adwuma hyɛɛ Nun ba Yosua nsa se, “Yɛ den na wo bo nyɛ duru, efisɛ wo na wode Israelfo bɛkɔ asase a meka ntam sɛ mede bɛma wɔn no so, na me ankasa mɛka wo ho.”
24Bere a Mose kyerɛw mmara yi mu nsɛm wɔ nhoma mu fi ahyɛase kosi awiei wiei no, 25ɔhyɛɛ Lewifo a wɔsoaa yɛn Agya apam adaka no se: 26“Momfa Mmara Nhoma yi nkɔto mo Agya apam adaka no nkyɛn, na ɛntena hɔ sɛ adanse ntia mo. 27Efisɛ minim mo atuatew ne mo kɔndenden. Mpo seesei a me ne mo te ase nnɛ yi, moatew atua atia yɛn Agya; na sɛ mewu a, ɛbɛboro saa koraa! 28Mommoaboa mo mmusuakuw mpanyimfo ne mo mpanyin nyinaa ano mmrɛ me, na menka nsɛm yi nkyerɛ wɔn, na mɛfrɛ ɔsoro ne asase sɛ wonni adanse ntia wɔn. 29Efisɛ minim sɛ mewu akyi no, mobɛsɛe mo ho koraa, na moadan afi ɔkwan a mahyɛ mo no so. Na nna a ɛreba no mu, amanehunu bɛba mo so, efisɛ mobɛyɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ yɛn Agya ani so, na mode mo nsa ano adwuma ahyɛ no abufuw.”
30Mose kaa dwom yi mu nsɛm fi ahyɛase kosi awiei kyerɛɛ Israel nhyiamu no nyinaa.