Paulo Gyina Festo Anim wɔ Sobo a Wɔbɔ No Ho
Amradofoɔ foforɔ bi nya asɛm no, na tete ataeɛ nhyehyɛeɛ no san ba. Sɛ wɔde no bɛkɔ Yerusalem no, Paulo mmom ka sɛ ɔde n'asɛm akɔ Kaesare anim, na Festo pene so. Kokoam Festo gye tom sɛ akyinnyeɛ no fa onipa bi a wawu a wɔfrɛ no Yesu a Paulo si so dua sɛ ɔte ase no ho.
25 1Festo duu amantam no mu nnansa akyi no, ofi Kaesarea foro kɔɔ Yerusalem. 2Ɛhɔ na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin de wɔn asɛm a wɔwɔ tia Paulo no too ne anim, na wɔkɔɔ so srɛɛ no, 3sɛ ɔnyɛ wɔn adom bi ntia Paulo, na ɔmfrɛ no mma Yerusalem. Wɔrehyehyɛ sɛ wɔbɛtɛw ne kwan akum no wɔ kwan so. 4Festo buaa wɔn se wɔakora Paulo wɔ Kaesarea, na ɔno ankasa nso bɛsan akɔ hɔ ntɛm. 5“Enti,” ɔkae se, “sɛ ɔbarima no ayɛ bɔne bi a, momma mo mu nnipa a wotumi no ne me nsian nkɔ nkɔbɔ no sobo.”
6Festo ne wɔn tenaa nna nwɔtwe anaa du pɛ, na afei osian kɔɔ Kaesarea. Ade kyee no, ɔtenaa atemmu agua so, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo mmra. 7Bere a Paulo duu hɔ no, Yudafo a wofi Yerusalem bae no twaa ne ho hyiae, na wɔde sobo akɛse pii a wontumi nkyerɛ ho adanse too ne so. 8Paulo bɔɔ ne ho ban se, “Menyɛɛ bɔne biara ntiaa Yudafo mmara, asɔredan no anaa Kaesare.”
9Nanso Festo pɛɛ sɛ ɔsɔ Yudafo ani, enti obisaa Paulo se, “Wobɛforo akɔ Yerusalem, na wɔabu wo atɛn wɔ hɔ wɔ me anim wɔ sobo yi ho ana?”
10Paulo kae se, “Megyina Kaesare atemmu agua anim, faako a ɛsɛ sɛ wobu me atɛn. Menyɛɛ Yudafo bɔne biara, sɛnea wo ankasa wunim yiye no. 11Sɛ mayɛ bɔne, na mayɛ biribi a ɛfata owu a, merempo sɛ mewu. Nanso sɛ sobo a nnipa yi bɔ me no nni nnyinaso a, obiara ntumi mfa me nhyɛ wɔn nsa. Mede me asɛm kɔ Kaesare anim.”
12Festo ne nʼagyinatufo dii nkɔmmɔ wiei no, ɔbuaa se, “Wode wʼasɛm akɔ Kaesare anim; Kaesare nkyɛn na wobɛkɔ.”
13Nna kakra akyi no, Ɔhene Agripa ne Bernike baa Kaesarea bɛkyiaa Festo. 14Esiane sɛ wɔtenaa hɔ nna pii nti, Festo de Paulo asɛm too ɔhene no anim se, “Felike gyaw ɔbarima bi wɔ ha sɛ odeduani. 15Bere a na mewɔ Yerusalem no, Yudafo asɔfo mpanyin ne mpanyin bɔɔ no sobo, na wɔsrɛɛ me sɛ mimmu no fɔ. 16Meka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnyɛ Romafo amanne sɛ wɔde obi bɛma ansa na nea wɔbɔ no sobo no ne ne sobobɔfo ahyia anim ne anim, na wanya kwan abɔ ne ho ban wɔ sobo no ho. 17Enti bere a wɔbɛhyiaa wɔ ha no, mantwentwɛn me nan ase koraa; ade kyee no, metenaa atemmu agua so, na mehyɛɛ sɛ wɔmfa ɔbarima no mmra. 18Bere a ne sobobɔfo no sɔre gyinae no, wɔammɔ no sobo bɔne biara a na mesusuw sɛ wɔbɛbɔ no no. 19Mmom, na wɔne no wɔ akyinnyegye bi wɔ wɔn ankasa som ho, ne ɔbarima bi a wawu a wɔfrɛ no Yesu, a Paulo kɔɔ so kae sɛ ɔte ase no ho. 20Esiane sɛ na minnim sɛnea mɛhwehwɛ saa asɛm yi mu nti, mibisaa no sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na wobu no atɛn wɔ hɔ wɔ sobo yi ho anaa. 21Nanso esiane sɛ Paulo srɛe sɛ wɔnkora no nsie mma Ɔhempɔn no nni nʼasɛm no nti, mehyɛɛ sɛ wɔnkora no nsie kosi sɛ mɛtumi de no akɔ Kaesare nkyɛn.”
22Agripa ka kyerɛɛ Festo se, “Me ankasa pɛ sɛ mete ɔbarima no asɛm.” “Ɔkyena,” Festo kae se, “wobɛte nʼasɛm.”
Paulo Gyina Agripa ne Bernike Anim
23Ade kyee no, Agripa ne Bernike de ahoɔfɛ ne anuonyam kɛse bae, na wɔne asraafo mpanyin ne kurow no mu mpanyin a wɔagye din no hyɛn asennii dan no mu. Festo hyɛe, na wɔde Paulo baa mu. 24Festo kae se, “Ɔhene Agripa ne mo a mo ne yɛn wɔ ha nyinaa, muhu ɔbarima yi. Yudafo nyinaa abɛsrɛ me wɔ ne ho, wɔ Yerusalem ne wɔ ha nyinaa, na wɔteɛteɛm se ɛnsɛ sɛ ɔtena ase bio. 25Nanso minhuu biribi a ɔyɛe a ɛfata owu, na esiane sɛ ɔno ankasa de nʼasɛm akɔ Ɔhempɔn no anim nti, misii gyinae sɛ mede no bɛkɔ. 26Minni asɛm pɔtee bi a mɛkyerɛw de akɔma me wura wɔ ne ho, enti mede no aba mo nyinaa anim, titiriw wʼanim, Ɔhene Agripa, sɛnea sɛ yɛhwehwɛ ne mu yi wie a, mɛnya biribi akyerɛw. 27Efisɛ ɛyɛ me sɛ ɛnyɛ nyansa sɛ mede odeduani bɛkɔ a menkyerɛ sobo a wɔbɔ no no.”