Mebuee, Nanso Na Wakɔ
Ɔka sɛ waba ne turo mu. Afei ɔbea no ka anadwo bi a ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ pon ano, bue no akyiri, na ohuu sɛ wakɔ. Bere a ɔrehwehwɛ no, awɛmfo no boro no. Wobisaa no nea ɛma ɔsono, na ɔkyerɛkyerɛ ne ho fi ne ti kosi ne nan ase.
5 1Maba me turo mu, me nuabaa, mʼayeforo; maboaboa me kurobow ne me nnuhuam ano, madi me wokyɛm ne me wo, manom me bobesa ne me nufusu. Adamfonom, monnidi; monnom, na monnom bebree, adɔfo!
2Medae, nanso me koma annae. Nnyigyei bi—me dɔfo rebɔ pon no: “Bue ma me, me nuabaa, me dɔfo, mʼaborɔnoma, me pɛyɛfo, efisɛ bosu afɔw me ti, anadwo bosu nsu afɔw me ti nwi.” 3Mayi mʼatade—ɛbɛyɛ dɛn na mɛsan ahyɛ bio? Mahohoro me nan—ɛbɛyɛ dɛn na mɛma ɛho ayɛ fi? 4Me dɔfo de ne nsa too pon no ano, na me koma de anigye huruwii wɔ me mu. 5Mesɔree sɛ mebue pon no ama me dɔfo, na kurobow taa fii me nsa mu, kurobow nsu taa fii me nsateaa ho, wɔ pon dadebɔ no nsakurae so. 6Mebuee pon no maa me dɔfo, nanso na me dɔfo no adan akɔ. Bere a ɔkasae no, me kra botoe. Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no; mefrɛɛ no, nanso wannye me so. 7Awɛmfo no hyiaa me bere a na wɔrekyinkyin kuropɔn no mu; wɔboroo me, wɔpiraa me; wɔgyee me ntama fii me so, awɛmfo a wɔwɔ afasu no so no. 8Mehyɛ mo, Yerusalem mmabea, sɛ mohu me dɔfo a, monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔyare de me. 9Ɛdɛn na wo dɔfo yɛ sen dɔfo foforo, wo a wo ho yɛ fɛ sen mmea nyinaa? Ɛdɛn na wo dɔfo yɛ sen dɔfo foforo, a ɛma wohyɛ yɛn saa?
10Me dɔfo hyerɛn, na ne ho yɛ kɔkɔɔ, ɔda nsow wɔ mpem du mu. 11Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ a ɛyɛ papa sen biara; ne ti nwi kyinkyim, ɛyɛ tuntum te sɛ anene. 12Nʼani te sɛ mmorɔnoma a wɔwɔ asuwa nsu ho, a wɔaguare wɔ nufusu mu, na wɔasisi wɔn sɛ abohemaa wɔ wɔn tenabea. 13Nʼafono te sɛ nnuhuam nturo, nnuru a ɛhua dɛ abantenten. Nʼanofafa yɛ lili nhwiren, a kurobow nsu tɔ fi mu. 14Ne basa yɛ sika poma a wɔde abohemaa asisi mu. Ne nipadua yɛ esono se a wɔasra no ma ɛhyerɛn, a wɔde safaya abo asiesie. 15Ne nan yɛ abo fitaa afadum a wɔde asisi sikakɔkɔɔ pa nnyinaso so. Ne ho te sɛ Lebanon, ɛyɛ papa sɛ sida nnua. 16Nʼano yɛ dɛ ankasa, na ne nyinaa yɛ nea akoma pɛ. Oyi ne me dɔfo, na oyi ne me yɔnko, Yerusalem mmabea.