Ɛyɛ Papa sɛ Yɛto Ayeyi Nnwom
Yɛn Agya kan nsoromma na ɔto emu biara din, na ɔsan kyekyere wɔn a wɔn koma abubu; ɔsoma sukyerɛmma ne asukɔtweaa, afei asɛm a ɛnan no. Nea ɛsɔ n'ani nyɛ apɔnkɔ ahoɔden anaa onipa ahoɔden, na mmom nnipa a wɔde wɔn anidaso to ne dɔ so.
147 1Haleluya! Ɛyɛ papa sɛ yɛto ayeyi nnwom ma yɛn Agya; ɛyɛ dɛ, na ɛfata sɛ yɛkamfo no.
2Yɛn Agya kyekye Yerusalem; ɔboaboa Israel nkurɔfo a wɔabɔ ahwete no ano. 3Ɔsa wɔn a wɔn akoma abubu yare, na ɔkyekyere wɔn akuru. 4Ɔkan nsoromma; ɔfrɛ wɔn mu biara ne din. 5Yɛn Agya Otumfo yɛ kɛse, na ne tumi dɔɔso; ne nhumu nni ano. 6Yɛn Agya ma ahobrɛasefo so; ɔtow amumɔyɛfo hwe fam.
7Momfa aseda nto dwom mma yɛn Agya; momfa sanku mmɔ nnwom mma no. 8Ɔde omununkum kata ɔsoro; ɔma osu tɔ asase so; ɔma sare fifi nkoko so. 9Ɔma mmoa wɔn aduan, ne kwaakwaadabi mma nso, bere a wɔsu no. 10Nʼani nnye pɔnkɔ ahoɔden ho, na onipa nan nso nsɔ nʼani. 11Yɛn Agya akoma ani gye wɔn a wosuro no ho, wɔn a wɔde wɔn ani to nʼapam adɔe so no ho.
12Kamfo yɛn Agya, Yerusalem! Kamfo wʼAgya, Sion! 13Efisɛ ɔhyɛ wʼapon adaban den; ɔhyira wo mma a wɔwɔ wʼafasu mu no. 14Ɔde asomdwoe ba wʼahye so; ɔde awi a ɛyɛ pa sen biara ma wo mee. 15Ɔsoma ne ahyɛde kɔ asase so; nʼasɛm tu mmirika ntɛmntɛm. 16Ɔma sukyerɛmma tɔ te sɛ oguan nwi; ɔbɔ awɔw bosu hwete te sɛ nsõ. 17Ɔtow nʼasukɔtweaa gu fam te sɛ aduan mporoporowa; hena na obetumi agyina nʼawɔw anim? 18Ɔsoma nʼasɛm, na ɛnan nsu a ayɛ den no; ɔkanyan ne mframa, na nsu no sen. 19Ɔda nʼasɛm adi kyerɛ Yakob, ne nhyehyɛe ne nʼatemmu kyerɛ Israel. 20Wanyɛ saa amma ɔman foforo biara; wonnim nʼatemmu. Haleluya!