Ɔfrɛ a Yona guan fii ho no
Odiyifo bi guan Agya no frɛ a ɔfrɛɛ no sɛ ɔnkɔka asɛm nkyerɛ Israel atamfo, apataa kɛse bi menee no, na osuae—a ɛnyɛ n'ani so—sɛ yɛn Agya ayamhyehye trɛw sen ne de koraa.
Yɛn Agya kasa wɔ nkyekyɛmu 2
1 1Afei yɛn Agya asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn se:
2“Sɔre, kɔ kuropɔn kɛse Ninive mu, na teɛm tia no, efisɛ wɔn amumuyɛ aforo aba mʼanim.”
3Nanso Yona sɔre sɛ ɔreguan akɔ Tarsis, akɔ akyirikyiri afi yɛn Agya anim. Ɔsiane kɔɔ Yopa, na ohuu hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis. Otuaa ne ka, na ɔforo kɔɔ mu sɛ ɔne wɔn rekɔ Tarsis, akɔ akyirikyiri afi yɛn Agya anim.
4Afei yɛn Agya tow mframa kɛse bi guu po no so; ahum kɛse bi tuu, na ɛyɛɛ sɛ hyɛn no rebebubu. 5Hyɛn mu adwumayɛfo no bɔɔ hu, na wɔn mu biara su frɛɛ ne nyame. Wɔtow nneɛma a ɛwɔ hyɛn no mu guu po no mu, sɛnea ɛbɛyɛ hare. Nanso na Yona asiane akɔ hyɛn no ase, na ɔdeda hɔ a ɔda dennen. 6Hyɛn no so panyin baa ne nkyɛn bɛkae se, “Ɛyɛɛ dɛn na wotumi da? Sɔre, su frɛ wo nyame! Ebia ɔbɛkae yɛn, na yɛrenyera.”
7Mmarima no ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Mommra mma yɛnto ntonto nhu nea ne nti na saa amanehunu yi aba yɛn so no.” Wɔtoo ntonto no, na ɛbɔɔ Yona so. 8Wɔka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ yɛn—wo a wode saa amanehunu yi aba yɛn so yi—adwuma bɛn na woyɛ? Ɛhe na wofi? Wo man ne he? Nnipa bɛn mu na wofi?”
9Ɔbuaa wɔn se, “Meyɛ Hebrini, na misuro yɛn Agya, ɔsoro Agya, a ɔyɛɛ po ne asase kesee no.”
10Afei ehu kɛse kaa mmarima no, na wɔkae se, “Dɛn na woayɛ yi?” Efisɛ na wɔahu sɛ ɔreguan afi yɛn Agya anim, esiane sɛ na waka akyerɛ wɔn nti.
11Afei wobisaa no se, “Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wo na po no ayɛ dinn ama yɛn?”—efisɛ na po no ahum rekɔ so ayɛ den sen kan.
12Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma me so, na montow me ngu po no mu, na ɛbɛyɛ dinn ama mo. Minim sɛ me nti na saa ahum kɛse yi aba mo so.”
13Mmom mmarima no hare hyɛn no denneennen sɛ wɔbɛduru mpoano, nanso wɔantumi, efisɛ na po no abufuw rekɔ so ayɛ den atia wɔn. 14Enti wɔsu frɛɛ yɛn Agya se, “Yɛsrɛ wo, Onyankopɔn, mma yɛnwu ɔbarima yi nkwa a yɛregye no nti. Mmfa mogya a ɛho nni fɔ mmu yɛn fɔ, efisɛ wo na woayɛ nea ɛsɔ wʼani.” 15Afei wɔmaa Yona so tow no guu po no mu, na po a na ɛrebu no yɛɛ dinn. 16Afei mmarima no suroo yɛn Agya yiye, na wɔde afɔre maa yɛn Agya, na wɔhyɛɛ bɔ.
17Afei yɛn Agya hyehyɛɛ apataa kɛse bi sɛ ɛmene Yona, na Yona daa apataa no yafunu mu nna mmiɛnsa ne anadwo mmiɛnsa.