Hiob San Kasa Bio
Hiob de Onyankopɔn ankasa a ɔgye n'atɛntenenee firii ne nsam no ka ntam, na ɔmpene so sɛ ne nnamfo no di bem; ɔbɛkura ne pɛyɛ mu kosi sɛ ɔbɛwu. Afei ɔno ara ka amumuyɛfoɔ kyɛfa ho asɛm: dwetɛ a wɔaboaboa ano a ateneneefoɔ na ɛbɛhyɛ, anadwo ahum, ananse ntontan fie.
27 1Na Hiob san toaa ne kasa so kae se: 2“Sɛ Onyankopɔn te ase yi, ɔno a wagye me atɛntrenee afi me nsam no, ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ a wama me kra adi yaw no, 3bere tenten a me home da so wɔ me mu, na yɛn Agya Honhom wɔ me hwene mu no, 4me ano renka atoro, na me tɛkrɛma renka nnaadaa. 5Merempene da sɛ mo na moteɛ; kosi sɛ mɛwu no, merennyae me pɛyɛ. 6Mekura me trenee mu den, na merennyae mu; me koma mmu me fɔ wɔ me nna no mu biara ho.
7“Ma me tamfo nyɛ sɛ ɔbɔnefo, na nea ɔsɔre tia me no nyɛ sɛ ɔtɛnkyewfo. 8Efisɛ anidaso bɛn na nea onnim Onyankopɔn wɔ, bere a wɔtwa no gu, bere a Onyankopɔn gye ne nkwa no? 9Onyankopɔn bɛte ne nteɛm bere a ahohiahia ba ne so no? 10Ade Nyinaa so Tumfoɔ ho bɛyɛ no dɛ anaa? Ɔbɛfrɛ Onyankopɔn bere nyinaa anaa? 11Mɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsa ho ade; merenkata nea ɛwɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ nkyɛn no so. 12Hwɛ, mo nyinaa ankasa ahu eyi; ɛnde adɛn nti na mokasa nsɛm hunu sɛɛ? 13Eyi ne kyɛfa a ɔbɔnefo nya fi Onyankopɔn hɔ, agyapade a wɔn a wɔhyɛ nkurɔfo so nya fi Ade Nyinaa so Tumfoɔ hɔ: 14Sɛ ne mma dɔɔso a, wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano, na nʼasefo rennya abodoo a ɛbɛso wɔn. 15Ne nkurɔfo a wɔbɛka akyi no, ɔyaredɔm bɛsie wɔn, na wɔn akunafo rensu wɔn. 16Ɛwom sɛ ɔboaboa dwetɛ ano sɛ mfutuma, na ɔboaboa ntade ano sɛ dɔte de, 17ebia ɔbɛboaboa ano, nanso ɔtreneeni na ɔbɛhyɛ, na nea odi bem no na ɔbɛkyɛ dwetɛ no. 18Ɔsi ne fi sɛ ntamasɛe mmoawa buw, sɛ pata a ɔwɛmfo si no. 19Ɔda hɔ sɛ ɔdefo, nanso ɔrenyɛ saa bio; ɔbue nʼani, na ayera. 20Ehu to no sɛ nsuyiri; anadwo mu ahum twa no kɔ. 21Apuei mframa ma no so na ɔyera; ɛpra no fi ne tenabea. 22Ɛtow ne ho bɔ no a ennya ne ho mmɔborɔ; ɔde ahoɔhare guan fi ne tumi ano. 23Ɛbɔ ne nsam gu no so, na ɛdi ne ho fɛw pam no fi ne tenabea.”