Saulo ne ne mmabarima hwe ase wɔ ɔko mu
Ɔko a wɔko wɔ Gilboa no kɔ bɔne. Wokum Yonatan ne ne nuanom, agyantowfo pira Saul, na n'akode-kurafo mpɛ sɛ obekum no, enti ɔhwe n'ankasa akofena so. Filistifo no bɔ ne funu dua wɔ ɔfasu bi ho; Yabes-Gilead mmarima yi so.
31 1Filistifo ne Israel kooe; Israelfo mmarima dwane fii wɔn anim, na wɔhwehwee ase wuwui wɔ Gilboa bepɔ so. 2Filistifo no tɔɔ Saulo ne ne mmabarima so, na Filistifo no kunkum Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua a wɔyɛ Saulo mmabarima no. 3Ɔko no yɛɛ den wɔ Saulo so. Agyantofo no huu no, na wɔpiraa no yiye. 4Saulo ka kyerɛɛ nʼakode kurafo se, “Twe wo nkrante na fa wɔ me, anyɛ saa a, saa momonotofo yi bɛba abɛwɔ me, na wɔadi me ayayaw.” Nanso nʼakode kurafo no ampene, efisɛ na osuro yiye. Enti Saulo faa nʼankasa nkrante hwee so. 5Bere a nʼakode kurafo no huu sɛ Saulo awu no, ɔno nso hwee ne nkrante so, na ɔne no wui. 6Enti Saulo ne ne mmabarima baasa, nʼakode kurafo ne ne mmarima nyinaa wuwui da no ara.
7Bere a Israelfo mmarima a wɔwɔ bon no agya ne Yordan agya no huu sɛ Israel asraafo adwane, na Saulo ne ne mmabarima awuwu no, wogyaw wɔn nkurow hɔ dwanee. Afei Filistifo no baa bɛtenaa mu. 8Ade kyee no, Filistifo baa sɛ wɔrebɛworɔw awufo no ho nneɛma, na wohuu Saulo ne ne mmabarima baasa no sɛ wɔatotɔ wɔ Gilboa bepɔ so. 9Wotwaa ne ti, worɔw nʼakodeɛ, na wɔsomaa abɔfo kɔɔ Filistia asase so nyinaa sɛ wɔnkɔbɔ amanneɛ no wɔ wɔn ahoni abosonnan mu ne nnipa no mu. 10Wɔde nʼakodeɛ no sii Astarot abosonnan mu, na wɔbɔɔ nʼamu no tuu Bet-Sean fasu ho. a a v10 Astarot yɛ Kanaanfo onyamebaa; sɛ wɔde Saulo akodeɛ sii nʼabosonnan mu no, na ɛyɛ Filistifo kwan a wɔfa so kyerɛ sɛ wɔn anyame na wɔde nkonim no maa wɔn.
11Bere a Yabes Gilead tefo tee nea Filistifo no yɛɛ Saulo no, 12wɔn akofo nyinaa nantew anadwo mu, kɔfaa Saulo amu ne ne mmabarima amu fii Bet-Sean fasu ho, de wɔn baa Yabes, na wɔhyew wɔn wɔ hɔ. 13Wɔfaa wɔn nnompe, sie wɔ tamarisk dua no ase wɔ Yabes, na wodii mmuada nnanson.