Yɛn Agya Yɛ Papa
Asaf dwom.
Asaf anan kame ayɛ sɛ ɛrewea bere a n'ani bere ahonyafo ahantanfo a wɔn ho yɛ den no. Biribiara antew kosii sɛ ɔkɔɔ kronkronbea hɔ na ohuu baabi a wɔn awiei kɔ. Ogye tom sɛ na wayɛ te sɛ aboa, na ohu sɛ na nea ɔpɛ no wɔ ne nsam dedaw: n'Agya nsa a ɛso ne de mu den.
73 1Ampa ara yɛn Agya yɛ papa ma Israel, ma wɔn a wɔn koma mu tew no.
2Nanso me de, me nan bɛyɛɛ sɛ ɛrebɛhintiw; mʼanammɔn bɛyɛɛ sɛ ɛrebɛtwiri. 3Efisɛ mʼani beree ahantanfo bere a mihuu amumɔyɛfo nkɔso no. 4Efisɛ wɔnte ɛyaw biara wɔ wɔn owu mu; wɔn nipadua ho yɛ den na ɛyɛ srade. 5Wɔnni ɔhaw sɛnea afoforo wɔ; ɔhaw nka wɔn sɛnea ɛka adesamma a aka no. 6Enti ahantan yɛ wɔn kɔnmuade; basabasayɛ kata wɔn so sɛ atade. 7Wɔn aniwa apue esiane srade nti; wɔn koma mu nsusuwii nni ano. 8Wɔserew afoforo na wɔde adwemmɔne kasa; wofi soro hunahuna nhyɛso. 9Wɔde wɔn ano tia ɔsoro, na wɔn tɛkrɛma de ahantan nantew asase so nyinaa. 10Enti ne nkurɔfo san kɔ wɔn nkyɛn, na wɔnom nsu bebree. 11Na wɔka se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahu? Nimde wɔ Ɔsorosoroni no mu anaa?” 12Hwɛ—eyinom ne amumɔyɛfo no; wɔn ho dwo wɔn daa, na wɔn ahonyade redɔɔso.
13Ampa ara, kwa na mama me koma ho atew, na mede me nsa ahohoro wɔ bem mu. 14Efisɛ da mu nyinaa wɔabɔ me, na wɔteɛ me anɔpa biara.
15Sɛ anka mekae se, “Mɛkasa saa,” a, anka mayi wo mma awo ntoatoaso no ama. 16Bere a mepɛɛ sɛ mete eyi nyinaa ase no, ɛyɛɛ adwuma a ɛbrɛ me wɔ mʼani so, 17kosii sɛ mekɔɔ yɛn Agya kronkronbea hɔ; afei na mihuu wɔn awiei. 18Ampa ara wode wɔn si mmeae a ɛtwiri; woma wɔhwe ase kɔ ɔsɛe mu. 19Sɛnea wɔsɛe wɔn prɛko pɛ ni, na ahunahuna pra wɔn kɔ korakora! 20Te sɛ dae bere a obi nyan no, Ao Agya Otumfo, bere a wosɔre no, wobɛbu wɔn animtiaa sɛ sunsuma.
21Bere a me koma mu yɛɛ me nwene na ɛwɔɔ me mu no, 22meyɛɛ ogyimifo a minnim hwee; meyɛɛ sɛ aboa wɔ wʼanim. 23Nanso, mewɔ wo nkyɛn daa; wokura me nsa nifa. 24Wode wʼafotu kyerɛ me kwan, na akyiri yi wobɛfa me akɔ anuonyam mu. 25Hena na mewɔ no wɔ ɔsoro ka wo ho? Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho. 26Me honam ne me koma betumi atɔ piti, nanso yɛn Agya ne me koma ahoɔden ne me kyɛfa daa.
27Efisɛ wɔn a wɔtwe wɔn ho fi wo ho akyirikyiri no bɛyera; wosɛe obiara a onni wo nokware no. 28Nanso me de, ɛyɛ papa sɛ mebɛn yɛn Agya; mama Agya Otumfo no ayɛ me guankɔbea, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛka wo nnwuma nyinaa ho asɛm.