Elihu Kasa Bio
Elihu ka sɛ onipa bɔne ne ne papayɛ nsesa hwee mma Onyankopɔn a ɔkorɔn sene mununkum; ɛto nnipa foforɔ. Wɔn a wɔhyɛ wɔn so no teɛm, nanso obiara mmisa sɛ: ɛhe na wɔn Yɛfoɔ wɔ, nea ɔma nnwom anadwo no? Ɛno nti Hiob dɔɔso nsɛm a nimdeɛ nni mu.
35 1Afei Elihu toaa so kae se: 2“Wususuw sɛ eyi teɛ? Woka se, ‘Me trenee boro Onyankopɔn de so.’ 3Efisɛ wobisa se, ‘Mfaso bɛn na ɛwɔ ma wo? Sɛ manyɛ bɔne a, dɛn na menya?’ 4Mɛbua wo, na mɛbua wo nnamfo a wɔka wo ho no nso. 5Ma wʼani so hwɛ ɔsoro na hu; hwɛ omununkum a ɛkorɔn sen wo no. 6Sɛ woyɛ bɔne a, dɛn na wotumi yɛ tia no? Na sɛ wo atuatew dɔɔso a, dɛn na wode yɛ no? 7Sɛ wotene a, dɛn na wode ma no? Anaa dɛn na ɔnya fi wo nsam? 8Wo amumɔyɛ ka onipa a ɔte sɛ wo ara nko ara, na wo trenee nso ka wo yɔnko onipa nko ara. 9Nnipa su wɔ nhyɛso bebree mu duru ase; wɔteɛm srɛ mmoa wɔ atumfoɔ basa nti. 10Nanso obiara nka se, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfo no wɔ, ɔno a ɔde nnwom ma anadwo no, 11ɔno a ɔkyerɛ yɛn ade sen asase so mmoa na ɔma yɛn nyansa sen wim nnomaa no?’ 12Ɛhɔ na wɔteɛm, nanso ɔmmua wɔn, esiane nnipa bɔnefo ahantan nti. 13Ampa ara Onyankopɔn ntie nteɛm hunu; Otumfoɔ mfa nʼadwene nsi so. 14Ɛno de, ɔremmua wo koraa, bere a woka se wonhu no—ɛwom sɛ wʼasɛm da nʼanim, na ɛsɛ sɛ wotwɛn no. 15Na afei, esiane sɛ nʼabufuw nnya ntwee aso nti, na ɔnhwɛɛ nkwaseasɛm so kɛse. 16Hiob bue nʼano ka nsɛm hunu; ɔka nsɛm bebree a onni nimdeɛ.”