Esau Asefo
Esau asefo nya wɔn ankasa kyerɛwtohɔ a ɛyɛ pɛ — ne yerenom, atitiriw, ne ahemfo a wodii hene wɔ Edom ansa na Israel renya ɔhene biara. Wɔamfa onua a wɔtwaa ne ho no amfi nkyerɛwee no mu; ɔbɛyɛɛ ɔman a ɛbɛn hɔ a n'abakɔsɛm atim.
36 1Yei ne Esau (kyerɛ sɛ, Edom) abusua ho kyerɛwtohɔ. 2Esau waree ne yerenom fii Kanaan mmabaa mu: Hetini Elon babea Ada, ne Ana babea Oholibama, a Ana yɛ Hiwini Sibeon babea, 3ne Ismael babea Basemat a ɔyɛ Nebaiot nuabea no. 4Ada woo Elifas maa Esau, na Basemat woo Reuel, 5Oholibama woo Yeus, Yalam ne Kora. Yeinom ne Esau mmabarima a wɔwoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no. 6Esau faa ne yerenom, ne mmabarima, ne mmabea, ne fifo nyinaa, ne nyɛmmoa, ne mmoa nyinaa ne agyapade a wanya wɔ Kanaan nyinaa, na otu kɔɔ asase bi so a ɛne ne nuabarima Yakob ntam kwan ware. 7Wɔn agyapade dɔɔso dodo ma wɔantumi antena faako; asase a na wɔte so no antumi amma wɔn baanu nyinaa nea wohia, wɔn nyɛmmoa no nti. 8Enti Esau tenaa Seir bepɔw asase so. (Esau ne Edom.).
9Yeinom ne Esau a ɔyɛ Edomfo agya no ho kyerɛwtohɔ wɔ Seir bepɔw asase so. 10Yeinom ne Esau mmabarima din: Esau yere Ada ba Elifas; Esau yere Basemat ba Reuel. 11Elifas mmabarima ne Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. 12Timna a ɔyɛ Esau ba Elifas mpena no woo Amalek maa no. Yeinom ne Esau yere Ada mma. 13Yeinom ne Reuel mmabarima: Nahat, Serah, Sama, Misa. Yeinom ne Esau yere Basemat mma. 14Yeinom ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea no mma, a Ana yɛ Sibeon babea: ɔwoo Yeus, Yalam ne Kora maa Esau.
15Yeinom ne Esau mma mu mpanyimfo. Esau abakan Elifas mmabarima: ɔpanyin Teman, ɔpanyin Omar, ɔpanyin Sefo, ɔpanyin Kenas. 16Ɔpanyin Kora, ɔpanyin Gatam, ɔpanyin Amalek. Yeinom ne Elifas mpanyimfo wɔ Edom asase so; yeinom ne Ada mma. 17Yeinom ne Esau ba Reuel mmabarima: ɔpanyin Nahat, ɔpanyin Serah, ɔpanyin Sama, ɔpanyin Misa. Yeinom ne Reuel mpanyimfo wɔ Edom asase so. Yeinom ne Esau yere Basemat mma. 18Esau yere Oholibama mmabarima: ɔpanyin Yeus, ɔpanyin Yalam, ɔpanyin Kora. Yeinom ne Ana babea Oholibama a ɔyɛ Esau yere no mpanyimfo. 19Yeinom ne Esau (kyerɛ sɛ, Edom) mmabarima, na yeinom ne wɔn mpanyimfo.
20Yeinom ne Horini Seir a na ɔte asase no so no mmabarima: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21Dison, Eser ne Disan. Wɔyɛ Horifo mpanyimfo, Seir mmabarima, wɔ Edom asase so. 22Lotan mmabarima ne Hori ne Hemam, na Lotan nuabea ne Timna. 23Yeinom ne Sobal mmabarima: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam. 24Yeinom ne Sibeon mmabarima: Aia ne Ana. Ana yi na ɔhuu nsu hyew wɔ ɛserɛ so bere a na ɔrehwɛ nʼagya Sibeon mfurum no. 25Yeinom ne Ana mma: Dison ne Ana babea Oholibama. 26Yeinom ne Dison mmabarima: Hemdan, Esban, Itran ne Keran. 27Yeinom ne Eser mmabarima: Bilhan, Saawan ne Akan. 28Yeinom ne Disan mmabarima: Us ne Aran. 29Yeinom ne Horifo mpanyimfo: ɔpanyin Lotan, ɔpanyin Sobal, ɔpanyin Sibeon, ɔpanyin Ana, 30ɔpanyin Dison, ɔpanyin Eser, ɔpanyin Disan. Wɔyɛ Horifo mpanyimfo, sɛnea wɔn mmusua te, wɔ Seir asase so.
Ahene a Wodii Kan Ansa na Israel Ahene Reba
31Yeinom ne ahene a wodii hene wɔ Edom asase so ansa na ɔhene biara bedi Israelfo so hene no: 32Beor ba Bela dii hene wɔ Edom, na ne kurow din de Dinhaba. 33Bere a Bela wui no, Serah ba Yobab a ofi Bosra no dii hene sii nʼanan mu. 34Bere a Yobab wui no, Husam a ofi Temanfo asase so no dii hene sii nʼanan mu. 35Husam wui; Bedad ba Hadad a ɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no dii hene sii nʼanan mu. Ne kurow din de Awit. 36Bere a Hadad wui no, Samla a ofi Masreka no dii hene sii nʼanan mu. 37Bere a Samla wui no, Saul a ofi Rehobot a ɛwɔ Eufrate asubɔnten ho no dii hene sii nʼanan mu. 38Bere a Saul wui no, Akbor ba Baal-Hanan dii hene sii nʼanan mu. 39Bere a Akbor ba Baal-Hanan wui no, Hadar dii hene sii nʼanan mu; ne kurow din de Pau, na ne yere din de Mehetabel a ɔyɛ Mesahab babea Matred no babea.
40Yeinom ne Esau mpanyimfo, sɛnea wɔn mmusua, wɔn mmeae ne wɔn din te: ɔpanyin Timna, ɔpanyin Alwa, ɔpanyin Yetet. 41Ɔpanyin Oholibama, ɔpanyin Ela, ɔpanyin Pinon, 42ɔpanyin Kenas, ɔpanyin Teman, ɔpanyin Mibsar, 43ɔpanyin Magdiel ne ɔpanyin Iram. Yeinom ne Edom mpanyimfo, sɛnea wɔtenaa asase a na ɛyɛ wɔn de no so. Esau ne Edomfo agya no.