Dawid Kɔhyɛ Filistifo Mu
Dawid gye di sɛ da bi Saul bɛkyere no, enti ɔtwe ne ho kɔ Gat hene Akis nkyɛn, na wɔde Siklag ma no. Ɔfow anafo fam aman, okunkum adansefo nyinaa, na ɔka kyerɛ Akis sɛ ɔreko atia Yuda. Akis gye no di koraa. Biribiara nni ha a ɛfata ayeyi, na kyerɛwsɛm no ka no pefee.
27 1Dawid dwenee se, “Da bi Saulo nsa bɛpra me ase. Biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma me sen sɛ mɛguan ntɛm akɔ Filistifo asase so. Afei Saulo begyae me hwehwɛ wɔ Israel ahye mu baabiara, na mɛguan afi ne nsam.” 2Dawid ne mmarima ahansia a wɔka ne ho no sɔree twaa kɔɔ Gat hene Akis, Maok ba, nkyɛn. 3Dawid ne ne mmarima ne Akis tenaa Gat, obiara ne ne fiefo. Dawid ne ne yerenom baanu na wɔtenae: Ahinoam a ofi Yesreel ne Abigail a ofi Karmel, Nabal kunafo. 4Bere a wɔbɔɔ Saulo amanneɛ se Dawid aguan akɔ Gat no, wanhwehwɛ no bio.
5Dawid ka kyerɛɛ Akis se, “Sɛ mʼanim asɔ wo a, ma me baabi wɔ nkuraa no mu baako mu na mentena hɔ. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wo somfo ne wo tena ahemkurow no mu?” 6Da no Akis de Siklag maa no; enti Siklag yɛ Yuda ahemfo dea de besi nnɛ. 7Bere a Dawid tenaa Filistifo asase so no yɛ afe ne abosome anan.
8Dawid ne ne mmarima kɔtow hyɛɛ Gesurfo, Girsifo ne Amalekfo so, efisɛ wɔtenaa asase no so fi tete, kosi Sur ne Misraim asase so. 9Bere biara a Dawid tow hyɛɛ asase no so no, wannyaw ɔbarima anaa ɔbaa biara nkwa mu; ɔfaa nguan, anantwi, mfurum, yoma ne ntade, na ɔsan kɔɔ Akis nkyɛn.
10Akis bisa no se, “Ɛhe na mokɔtow hyɛɛ so nnɛ?” Dawid nso ka se, “Yuda Negeb,” anaa “Yerahmeelfo Negeb,” anaa “Kenifo Negeb.”
11Dawid annyaw ɔbarima anaa ɔbaa biara nkwa mu a ɔde no bɛba Gat, efisɛ ɔdwenee se, “Ebia wɔbɛka yɛn ho asɛm se, ‘Eyi na Dawid yɛe.’” Saa na ɔyɛe bere a ɔtenaa Filistifo asase so no nyinaa.
12Akis gyee Dawid dii, na ɔdwenee se, “Wama ne ho ayɛ akyiwade koraa wɔ ne nkurɔfo Israelfo anim; ɔbɛyɛ me somfo daa.”