Wasɔre
Mmea no de nnuhuam ba, hu sɛ wɔapia ɔbo no akyi, na aberante bi ka sɛ wasɔre, na wɔde ehu guan a wɔnka nkyerɛ obiara. Yesu yi ne ho adi kyerɛ Maria Magdalene ne afoforo a asuafo no pow sɛ wobegye wɔn adi, afei ɔsoma dubaako no kɔ abɔde nyinaa nkyɛn.
16 1Bere a Homeda no twaam no, Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo na ne Salome tɔɔ nnuhuam sɛ wɔde bɛkɔ akɔsra no. 2Nnawɔtwe no da a edi kan no anɔpa tutuutu, bere a owia apue ara pɛ no, wɔkɔɔ ɔda no ho. 3Wobisabisaa wɔn ho se, “Hena na ɔbɛpire ɔbo no afi ɔda no ano ama yɛn?” 4Nanso wɔmaa wɔn ani so hwɛɛ no, wohuu sɛ wɔapire ɔbo no a ɛyɛ kɛse yiye no afi hɔ dedaw.
5Wɔkɔɔ ɔda no mu, na wohuu aberante bi a ɔhyɛ atade fitaa tenten a ɔte nifa so. Ehu kaa wɔn. 6“Mommma mo ho nnwiriw mo,” ɔkae. “Morehwehwɛ Yesu, Nasareni no a wɔbɔɔ no asɛndua mu no. Wasɔre; ɔnni ha. Monhwɛ beae a wɔtoo no no. 7Nanso monkɔ nkɔka nkyerɛ nʼasuafo ne Petro se, ‘Ɔredi mo kan akɔ Galilea. Ɛhɔ na mobɛhu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no.’”
8Mmea no popoe, na wɔn ho dwiriw wɔn, enti woguan fii ɔda no ho, na wɔanka ankyerɛ obiara, efisɛ na wosuro.
9Yesu sɔree nnawɔtwe no da a edi kan no anɔpa tutuutu no, ɔdii kan yii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene a na watu ahonhommɔne ason afi ne mu no. a a v9 Nsaano nkyerɛwee a edi kan koraa no de Marko ba awiei wɔ nkyekyem 8. Nkyekyem 9-20 wɔ nkyerɛwee a wɔyɛɛ akyiri yi no mu dodow no ara mu, na wɔde ahyɛ ha, sɛnea wɔayɛ wɔ Bible foforo dodow no ara mu. 10Ɔkɔɔ kɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔne no nantew no, bere a na wodi awerɛhow resu no. 11Bere a wɔtee sɛ Yesu te ase na Maria ahu no no, wɔannye anni.
12Ɛno akyi no, Yesu yii ne ho adi wɔ sɛso foforo mu kyerɛɛ wɔn mu baanu a na wɔnantew rekɔ akuraa mu. 13Wɔsan kɔka kyerɛɛ wɔn a aka no, nanso wɔannye wɔn nso anni.
14Akyiri yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ dubaako no bere a na wɔte didi no, na ɔkaa wɔn anim wɔ wɔn gyidi a wonni ne wɔn koma a apirim no ho, efisɛ wɔannye wɔn a wohuu no sɛ wasɔre no anni.
15Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ wiase nyinaa, na monkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔde nyinaa. 16Obiara a ogye di na wɔbɔ no asu no, wobegye no nkwa; nanso obiara a ɔnnye nni no, wobebu no fɔ. 17Na saa nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wogye di no akyi: wɔbɛtu ahonhommɔne wɔ me din mu, wɔbɛka kasa foforo. 18Wɔde wɔn nsa bɛsɔ awɔ mu; sɛ wɔnom awuduru a ekum nipa a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefo so, na wɔn ho bɛtɔ wɔn.”
19Awurade Yesu kasa kyerɛɛ wɔn wiee no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, na ɔtenaa yɛn Agya nifa so. b b v19 Bere a Ɔba no wiee nʼadwuma no, ɔsan kɔɔ nʼAgya nkyɛn, anuonyam gyinabea a ɔne no kyɛ no. 20Wofii adi kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma, na ɔde nsɛnkyerɛnne a edii akyi no sii nʼasɛm no so dua.