Ɔkra Biara Bebu Ne Ho Akontaa Akyerɛ Agya No
Wɔagyae ɛbɛ a ɛde awofo bobe aba a ɛyɛ nkan ho fɔ bu mma no. Obiara nkwa gyina ne ho: omumɔyɛfo a ɔdan ne ho no tena ase, ɔtreneeni a ɔdan ne ho no wu. Yɛn Agya si so dua sɛ obiara wu nnyɛ no dɛ. Ɔka sɛ, monsakra na montena ase.
Yɛn Agya kasa wɔ nkyekyɛmu ahorow 2–32
18 1Yɛn Agya asɛm baa me nkyɛn se:
2“Adɛn nti na mosan bu abebu yi fa Israel asase ho se: ‘Awofo no dii bobe a emmere, na mma no se ayɛ ka’?
3“Sɛnea mete ase yi, Otumfo Agya na ose, morenka abebu yi bio wɔ Israel. 4‘Nkwa biara yɛ me dea: awofo de ne mma de nyinaa. Nea ɔyɛ bɔne no, ɔno na obewu. 5Ma yɛnka sɛ ɔtreneeni bi wɔ hɔ a ɔyɛ nea ɛteɛ na ɛtene. 6Ɔnnidi wɔ mmepɔw so abosonnan ho, na ɔmfa nʼani nhwɛ Israel fi ahoni so. Ɔne ne yɔnko yere mmɔ aware, na ɔne ɔbaa a ɔwɔ ne bra mu nna. 7Ɔnhyɛ obiara so, na mmom ɔde awowa a ɔgyee wɔ bosea ho no san ma. Ɔmmɔ korɔn, na mmom ɔde nʼaduan ma wɔn a ɔkɔm de wɔn, na ɔde ntama kata wɔn a wɔda adagyaw. 8Ɔmfɛm sika nnye mfɛntom, anaa ɔnnye mfaso, na mmom ɔtwe ne ho fi bɔneyɛ ho, na obu atɛn wɔ nokware mu wɔ onipa ne ne yɔnko ntam.’ 9Odi mʼahyɛde so, na ɔde nokwaredi di me mmara so. Saa onipa no yɛ ɔtreneeni; obenya nkwa ampa, Otumfo Agya na ose.
10“Ma yɛnka sɛ ɔwɔ ɔba basabasayɛfo bi a ɔhwie mogya gu anaa ɔyɛ nneɛma foforo yi mu biara. 11(ɛwom sɛ nʼagya no anyɛ eyinom mu biara de): ɔdidi wɔ mmepɔw so abosonnan ho, ɔgu ne yɔnko yere ho fi, 12ɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so, ɔbɔ korɔn, ɔmfa awowa a ɔgyee no nsan mma, ɔde nʼani hwɛ ahoni so, na ɔyɛ akyiwade. 13Ɔfɛm sika gye mfɛntom, na ogye mfaso. Saa onipa no benya nkwa ana? Dabi! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwade yi nyinaa nti, wobekum no ampa, na ne mogya bɛba ne ankasa ti so.
14“Nanso ma yɛnka sɛ saa ɔba yi nso wo ɔba bi a ohu nʼagya bɔne nyinaa, na ohu wɔn no, ɔnyɛ emu biara: 15Ɔnnidi wɔ mmepɔw so abosonnan ho, na ɔmfa nʼani nhwɛ Israel fi ahoni so. Ɔne ne yɔnko yere mmɔ aware. 16Ɔnhyɛ obiara so, na ɔnnye awowa wɔ bosea ho. Ɔmmɔ korɔn, na mmom ɔde nʼaduan ma wɔn a ɔkɔm de wɔn, na ɔde ntama kata wɔn a wɔda adagyaw. 17Ɔtwe ne ho fi bɔneyɛ ho, na ɔnnye mfɛntom anaa mfaso. Odi me mmara so, na odi mʼahyɛde akyi. Ɔrenwu nʼagya bɔne nti; obenya nkwa ampa.
18“Nanso nʼagya de, obewu ne ankasa bɔne nti: ɔhyɛɛ nnipa so gyee wɔn nneɛma, ɔbɔɔ ne nua korɔn, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfo mu.
19“Nanso mobisa se, ‘Adɛn nti na ɔba no nsoa nʼagya afɔdi?’ Esiane sɛ ɔba no ayɛ nea ɛteɛ na ɛtene, na ɔde ahwɛyiye adi mʼahyɛde nyinaa so nti, obenya nkwa ampa. 20Nea ɔyɛ bɔne no na owu. Ɔba rensoa nʼagya afɔdi, na agya nso rensoa ne ba afɔdi. Ɔtreneeni papayɛ da ne ankasa so; ɔbɔnefo bɔne nso da ne ankasa so.
21“Nanso sɛ ɔbɔnefo dan ne ho fi ne bɔne nyinaa ho, di mʼahyɛde nyinaa so, na ɔyɛ nea ɛteɛ na ɛtene a, obenya nkwa ampa, na ɔrenwu. 22Wɔrenkae bɔne a ɔyɛe no mu biara ntia no; nea ɛteɛ a ɔyɛe no nti, obenya nkwa.’ 23Mʼani gye abɔnefo wu ho ana? Otumfo Agya na ose. Na ɛnyɛ nea mepɛ ne sɛ wɔdan fi wɔn akwan so na wɔnya nkwa? a a v23 Yɛn Agya ani nnye obiara sɛe ho. Nea ɔpɛ kɛse wɔ ne koma mu ne sɛ nea wayera no bɛdan ne ho asan aba fie, aba nkwa mu.
24“Nanso sɛ ɔtreneeni dan ne ho fi ne trenee ho, yɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwade a abɔnefo yɛ no bi a, obenya nkwa ana? Wɔrenkae ne trenee nneyɛe no mu biara. Esiane sɛ wanni nokware ne bɔne a wayɛ nti, obewu.
25“Nanso moka se, ‘Yɛn Agya kwan nteɛ.’ Montie, Israel fi: Me kwan na ɛnteɛ ana? Ɛnyɛ mo akwan na ɛnteɛ? 26Sɛ ɔtreneeni dan ne ho fi ne trenee ho, na ɔyɛ bɔne a, obewu wɔ ho; bɔne a ɔyɛe no nti, owu. 27Nanso sɛ ɔbɔnefo dan ne ho fi amumɔyɛ a ɔyɛe no ho, na ɔyɛ nea ɛteɛ na ɛtene a, obegye ne nkwa. 28Esiane sɛ osusuw ne mmarato nyinaa ho, na ɔdan ne ho fi ho nti, obenya nkwa ampa, na ɔrenwu. 29Nanso Israel fi ka se, ‘Yɛn Agya kwan nteɛ.’ Israel fi, me akwan na ɛnteɛ ana? Ɛnyɛ mo akwan na ɛnteɛ?’
30“Enti, Israel fi, mebu mo atɛn, mo mu biara sɛnea nʼakwan te, Otumfo Agya na ose. Monsakra mo adwene! Monnan mo ho mfi mo mmarato nyinaa ho, sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rensɛe mo. 31Monto bɔne a moayɛ no nyinaa ngu; monyɛ koma foforo ne honhom foforo mma mo ho. Adɛn nti na mobɛwu, Israel fi? 32Efisɛ obiara wu nyɛ me dɛ, Otumfo Agya na ose. Enti monnan mo ho, na monnya nkwa!”