Hiob Bua Ne Nnamfonom
Hiob frɛ ne nnamfo nnuruyɛfoɔ a mfasoɔ nni wɔn so a wɔde atorɔ sra adeɛ ho, na ɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ Onyankopɔn renna wɔn ase sɛ wɔde nokwaredi a ɛnni mu gyina n'afa. Ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn ankasa di n'asɛm ho akyinnyeɛ: sɛ okum me mpo a, mɛhwɛ no anim. Afei, adɛn nti na wode w'anim sie?
13 1“Hwɛ, mʼani ahu eyi nyinaa; mʼaso ate na ate ase. 2Nea monim no, me nso minim; mensua mo. 3Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfoɔ, na mʼakoma pere sɛ me ne Onyankopɔn bɛgye akyinnye wɔ mʼasɛm ho. 4Nanso mode atoro sra nneɛma ani; mo nyinaa yɛ ayaresafo a mfaso nni mo so. 5Me pɛ ne sɛ anka mobɛyɛ komm koraa— ɛno na ɛbɛyɛ mo nyansa! 6Afei muntie mʼanoyi, na monyɛ aso mma mʼano so adesrɛ. 7Mobɛka atoro ama Onyankopɔn, na mode nnaadaa akasa ama no anaa? 8Mobɛyɛ no animhwɛ anaa? Mobɛgye akyinnye ama Onyankopɔn anaa? 9Bere a ɔbɛhwehwɛ mo mu no, ɛbɛyɛ mo yiye anaa? Anaa mubetumi adaadaa no sɛnea mobɛdaadaa onipa no? 10Sɛ mode kokoam yɛ animhwɛ a, ampa ara ɔbɛka mo anim. 11Ne kɛseyɛ remmɔ mo hu, na ne ho hu remmɛto mo so anaa? 12Mo mmebusɛm yɛ nsõ mmebusɛm; mo banbɔ yɛ dɔte banbɔ.
13“Monyɛ komm wɔ mʼanim, na momma menkasa; biribiara a ɛbɛba no, ma ɛmmɛto me so. 14Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede me ankasa me honam to asiane mu, na mede me nkwa hyɛ me ankasa me nsa mu? 15Sɛ okum me mpo a, mede mʼani bɛto no so; nanso mɛbɔ me akwan ho ban wɔ nʼanim. a a v15 Ne nwiinwii mpo mu, Hiob ahotoso tene kɔ Onyankopɔn so. Abusuabɔ mu nkɔso a ɛyɛ pɛ no ba akyiri yi — Hiob hu yɛn Agya anim ne anim wɔ nwoma no awiei. 16Eyi nso bɛyɛ me gye, efisɛ ɔbonniayɛfo biara rennya akokoduru mmɛba nʼanim. 17Muntie me nsɛm yiye; momma mʼasɛm nnu mo aso. 18Hwɛ, masiesie mʼasɛm; minim sɛ wobebu me bem. 19Hena na ɔbɛba abɛne me agye akyinnye? Efisɛ sɛ ɛte saa a, anka mɛyɛ komm na mawu.
20“Ma me nneɛma abien pɛ, na afei merenhintaw me ho mfi wʼanim: 21Twe wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri, na mma wo ho hu mmɔ me hu. 22Afei frɛ, na mɛgye so; anaa ma menkasa, na wo nso bua me. 23Me mfomso ne me bɔne yɛ dodow sɛn? Kyerɛ me me atuatew ne me bɔne. 24Adɛn nti na wode wʼanim hintaw, na wobu me sɛ wo tamfo? 25Wobɛhunahuna ahaban a mframa bɔ no kɔ, na woataa ntɛtɛ a awo anaa? 26Efisɛ wokyerɛw nsɛm a ɛyɛ nwen tia me, na woma menya me mmerantebere mu bɔne sɛ agyapade. 27Wode me nan hyɛ nnua mu, na wohwɛ me nantew nyinaa; wobɔ hye ma me nan ase.
28“Enti onipa sɛe kɔ sɛ dua a aporɔw, sɛ ntama a nwewe adi.”