Anidaso a Ɛkyɛ ne Akɔnnɔ a Ɛba Mu
Sika ne akɔnnɔ fa mu, efi obi a ɔyɛ ne ho sɛ ɔdefo nanso onni hwee so kosi nnaadaa sika a ɛtew so ne sika a wɔboaboa no nkakrankakra a ɛnyin. Ɛbɔ twɛn yaw din nso, efisɛ anidaso a ɛtwɛn kyɛ ma koma yare. Nnamfo ho hia: wo ne anyansafo nantew na wobɛyɛ onyansafo.
13 1Ɔba nyansafo tie nʼagya nkyerɛkyerɛ, nanso fɛwdifo ntie animka. 2Onipa nya nneɛma pa fi nʼanom aba mu, nanso ndaadaafo akɔnnɔ wɔ basabasayɛ ho. 3Obiara a ɔwɛn nʼano no bɔ ne nkwa ho ban, nanso nea ɔbue nʼano kɛse no bɛsɛe. 4Ɔkwadwofo pɛ biribi denneennen, na onnya hwee, nanso nsiyɛfo akɔnnɔ ma ma yiye. 5Ɔtreneeni tan atoro, nanso ɔbɔnefo de aniwu ne animguase ba. 6Trenee bɔ nea ne kwan nni dɛm no ho ban, nanso amumɔyɛ tu ɔdebɔneyɛfo gu. 7Obi yɛ ne ho sɛ ɔyɛ ɔdefo, nanso onni hwee; obi nso yɛ ne ho sɛ ɔyɛ ohiani, nanso ɔwɔ ahonyade bebree. 8Onipa ahonyade tumi gye ne nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara. 9Ɔtreneeni hann hyerɛn anigye so, nanso ɔbɔnefo kanea bɛdum. 10Ahantan nwo hwee gye ntawantawa, nanso nyansa wɔ wɔn a wɔhwehwɛ afotu no nkyɛn. 11Ahonyade a wɔnam nnaadaa so nya no so tew kɔ, nanso nea ɔboaboa ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso. 12Anidaso a ɛkyɛ ma koma yare, nanso akɔnnɔ a ɛba mu yɛ nkwa dua. 13Obiara a obu asɛm no animtiaa no de ɔsɛe ba ne ho so, nanso nea obu ahyɛde no ni no, wobetua no ka. 14Nyansafo nkyerɛkyerɛ yɛ nkwa asubura, ɛdan onipa fi owu mfiri ho. 15Adwene pa ma onipa nya adom, nanso ndaadaafo kwan na ɛsɛe wɔn. 16Onitefo biara de nimdeɛ yɛ ade, nanso ɔkwasea da ne nkwaseasɛm adi. 17Ɔbɔfo bɔne tɔ ɔhaw mu, nanso ɔbɔfo nokwafo de ayaresa ba. 18Ohia ne aniwu ba obiara a ɔpo ntetee so, nanso nea otie nteɛso no, wɔhyɛ no anuonyam. 19Akɔnnɔ a ɛba mu yɛ dɛ ma kra, nanso ɛyɛ nkwaseafo akyiwade sɛ wɔbɛdan afi bɔne ho. 20Obiara a ɔne nyansafo nantew no nya nyansa, nanso nkwaseafo yɔnko hu amane. 21Amanehunu ti nnebɔneyɛfo, nanso papa tua atreneefo ka. 22Onipa pa gyaw agyapade ma ne mma mma, nanso ɔdebɔneyɛfo ahonyade, wɔkora ma ɔtreneeni. 23Ohiani afuw a wɔnnoo no betumi abɔ aduan bebree, nanso atɛntrenee a enni hɔ nti, wɔpra kɔ. 24Obiara a ɔkame abaa no tan ne ba, nanso nea ɔdɔ no no yɛ nsi tete no. 25Ɔtreneeni didi ma ne kra mee, nanso ɔbɔnefo yafunu ɔkɔm de no.