Fi Bun Mu
Ɔforo Dwom.
Fi bun mu, mpaebɔ a egyina asɛmmisa baako a ɔde too ne Agya anim so: sɛ wobu bɔne ho akontaa a, hena na obetumi agyina? Bɔne fafiri na ɛma obu tumi ba koraa. Wɔde twɛn no toto anadwo awɛmfo a wɔkan nnɔnhwerew kosi anɔpa ho.
130 1Mefi bun mu mesu frɛ wo, mʼAgya.
2Agya Otumfo, tie me nne; ma wʼaso ntie me sufrɛ a mesrɛ mmɔborɔhunu no yiye.
3Sɛ wo, mʼAgya, wokoraa bɔne ho nkontaabu a, Agya Otumfo, hena na anka obetumi agyina? 4Nanso bɔnefakyɛ wɔ wo nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsuro wo.
5Meretwɛn mʼAgya; me kra retwɛn, na mede mʼanidaso ato nʼasɛm so. 6Me kra twɛn Agya Otumfo sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee, sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee.
7Israel, fa wʼanidaso to yɛn Agya so, efisɛ apam adɔe wɔ yɛn Agya nkyɛn, na agyede a ɛdɔɔso wɔ ne nkyɛn. 8Na ɔno ankasa begye Israel afi Israel bɔne nyinaa mu. a a v8 Agya no bɔhyɛ sɛ ɔbɛgye ne nkurɔfo afi wɔn bɔne nyinaa mu no aba mu wɔ Yesu mu, nea wɔtoo ne din sɛ ɔbɛgye ne nkurɔfo afi wɔn bɔne mu no.