Tete Wo Ho wɔ Onyamesom Pa mu
Paulo bɔ akyerɛkyerɛfo a wɔbara aware ne nnuan bi ho kɔkɔ, bere a biribiara a yɛn Agya bɔe no ye na wɔde aseda gye. Ɛsɛ sɛ Timoteo tete ne ho wɔ onyamesom pa mu, mma obiara mmu ne mmabun so animtiaa, ɔnkenkan Kyerɛwnsɛm wɔ baguam, na ɔnhwɛ n'abrabɔ ne ne nkyerɛkyerɛ yiye.
4 1Honhom Kronkron no ka no pefee se: nna a edi akyiri no mu no, ebinom bɛtwe wɔn ho afi gyidi no ho, na wɔde wɔn adwene asi ahonhom a wɔdaadaa nnipa ne adaemone nkyerɛkyerɛ so, 2ɛnam atorofo nyaatwom so, wɔn a wɔn ankasa ahonim ahye sɛnea wɔde dade a ɛyɛ hyew ahye no. 3Wɔbara aware, na wɔhyɛ sɛ nnipa nkwati nnuan a yɛn Agya bɔe sɛ agyidifo a wonim nokware no mfa aseda ngye. 4Efisɛ biribiara a yɛn Agya bɔe no yɛ papa; sɛ wɔde aseda gye a, ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, 5efisɛ ɛnam yɛn Agya asɛm ne mpaebɔ so yɛ kronkron.
6Sɛ wode saa nsɛm yi kyerɛ anuanom mmarima ne mmaa a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa, a wɔde gyidi no nsɛm ne nkyerɛkyerɛ pa a wudi akyi no ayɛn wo. 7Mfa wo ho nhyɛ anansesɛm hunu a enni obu no mu. Mmom, tete wo ho na woayɛ onyamesomfo. 8Nipadua ho ntetee boa kakra, nanso Onyankopɔn som pa boa wɔ akwan nyinaa so—ɛhyɛ nkwa a ɛwɔ hɔ seesei ne nkwa a ɛreba no ho bɔ. 9Eyi yɛ asɛm a wotumi de wo ho to so, na ɛfata sɛ wogye tom koraa. 10Eyi nti na yɛyɛ adwuma denden na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn anidaso ato Agya teasefo no so, nnipa nyinaa Agyenkwa, titiriw wɔn a wogye di no. 11Hyɛ saa nsɛm yi ho mmara na kyerɛkyerɛ.
12Mma obiara mmu wo animtiaa sɛ woyɛ abofra nti, na mmom yɛ nhwɛso ma agyidifo wɔ kasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi ne ahotew mu. 13Kosi sɛ mɛba no, fa wo ho ma Kyerɛwnsɛm a wɔkenkan wɔ baguam, asɛnka ne nkyerɛkyerɛ. 14Mmu akyɛde a ɛwɔ wo mu no animtiaa, nea wɔnam nkɔmhyɛ so de maa wo, bere a mpanyimfo no de wɔn nsa guu wo so no. 15Yɛ saa nneɛma yi, na fa wo ho nyinaa ma wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu wo nkɔso. 16Hwɛ wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ yiye. Kɔ so yɛ eyi, efisɛ sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne wɔn a wɔtie wo no nyinaa nkwa.