Monkamfo Ne Din
Ayeyi a egyina adanse so: yɛn Agya yɛ nea ɛsɔ n'ani biara wɔ po ne wim, ɔbɔɔ Misraim, otuu Sihon ne Og guu na ɔde wɔn asase mae. Sɛ wode toto ho a, ahoni a wɔn ano ne wɔn aniwa yɛ kwa no ma wɔn a wɔyɛɛ wɔn nso yɛ hunu saa ara.
135 1Haleluya! Monkamfo yɛn Agya din; monkamfo no, mo yɛn Agya nkoa, 2mo a mosom wɔ yɛn Agya fi, wɔ yɛn Agya fi adiwo.
3Monkamfo yɛn Agya, efisɛ yɛn Agya ye; monto nnwom nkamfo ne din, efisɛ ɛyɛ dɛ. 4Efisɛ yɛn Agya apaw Yakob sɛ nʼankasa dea, Israel sɛ nʼagyapade a ɛsom bo.
5Efisɛ minim sɛ yɛn Agya yɛ kɛse, na yɛn Agya Otumfo no sen anyame nyinaa. 6Biribiara a ɛsɔɔ yɛn Agya ani no, wayɛ, wɔ ɔsoro ne asase so, wɔ po ahorow ne wɔn bun nyinaa mu. 7Ɔma omununkum foro fi asase ano; ɔyɛ anyinam ma osu, na oyi mframa fi nʼakorae mu.
8Okum Misraim abakan, nnipa ne mmoa nyinaa. 9Ɔsomaa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ wo mu, Misraim, de tiaa Farao ne ne nkoa nyinaa. 10Ɔsɛee aman bebree na okum ahene a wɔyɛ den. 11Amorifo hene Sihon, ne Basan hene Og, ne Kanaan ahenni ahorow nyinaa, 12na ɔde wɔn asase maa sɛ agyapade, agyapade maa ne man Israel.
13Wo din, yɛn Agya, tim hɔ daa; wo din pa, yɛn Agya, wɔ hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. 14Efisɛ yɛn Agya bebu ne nkurɔfo bem, na ne yam bɛhyehye no wɔ ne nkoa ho.
15Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nnipa nsa ano adwuma. 16Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa; wɔwɔ aniwa, nanso wɔntumi nhu ade; 17wɔwɔ aso, nanso wɔntumi nte ade, na ahome biara nni wɔn anom. 18Wɔn a wɔyɛ wɔn no bɛyɛ sɛ wɔn, na saa ara nso na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so nyinaa bɛyɛ.
19Israel fi, monhyira yɛn Agya; Aaron fi, monhyira yɛn Agya; 20Lewi fi, monhyira yɛn Agya; mo a musuro yɛn Agya, monhyira yɛn Agya. 21Nhyira nka yɛn Agya a ofi Sion, ɔno a ɔte Yerusalem. Haleluya!