Nokwaredi wɔ me fie mu
Dawid dwom.
Ɔhene bi ankasa nneyɛe mmara. Ɔhyɛ bɔ sɛ ɔremma nneɛma a mfaso nni so nni n'aniwa anim, ɔbɛma nea ɔsekyerɛ afoforo wɔ kokoa mu no ayɛ komm, ɔbɛfa nokwafo nko ara, na ɔremma ɔtorofo biara ntena ne fi — na anɔpa biara ɔbɛpam abɔnefo afi kurow no mu.
101 1Mɛto adɔe ne atɛntrenee ho dwom; mʼAgya, mɛto nnwom ama wo. 2Mɛhwɛ yiye anantew ɔkwan a ɛho nni asɛm so. Bere bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede koma a ɛyɛ pɛ bɛnantew me fie mu. 3Meremfa ade huhuw biara nsi mʼani so. Mekyi wɔn a wɔdan wɔn akyi no nnwuma; ɛremmata me ho. 4Koma a ɛkyea bɛtwe ne ho afi me ho; merenhu bɔne ho hwee. 5Obiara a ɔsɛe ne yɔnko din wɔ kokoa mu no, ɔno na mɛma wayɛ komm; nea nʼani yɛ ahantan na ne koma yɛ ɔhantan no, merennya ne ho abotare. 6Mʼani wɔ asase no so anokwafo so, sɛnea wɔbɛtena me nkyɛn; nea ɔnantew ɔkwan a ɛho nni asɛm so no na ɔbɛsom me. 7Ɔdaadaafo biara rentena me fie mu; obiara a ɔka atoro no rennyina mʼani so pintinn. 8Anɔpa biara mɛma asase no so amumɔyɛfo nyinaa ayɛ komm, na matwa nnebɔneyɛfo biara afi yɛn Agya kurow mu.