Ɔhene no Hyɛ Mordekai Anuonyam
Ɔhene ntumi nna, ma wɔkenkan abakɔsɛm nhoma no ma no, na ohu sɛ wɔntuaa Mordekai ka da. Haman, a ɔbaa sɛ ɔrebɛsrɛ sɛ wɔnkum no no, wobisa no sɛnea wɔbɛhyɛ onipa anuonyam — ɔka n'ankasa n'adaeso, na afei ɛsɛ sɛ ɔde Mordekai fa mmɔnten so bɔ no dawuru. Ne fifo hu sɛ ne sɛe reba.
6 1Anadwo no, nna antumi anna ɔhene no; enti ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa nhoma a wɔkyerɛw nsɛm a asisi gu mu no, abakɔsɛm nhoma no, mmra na wɔnkenkan nkyerɛ no. 2Wohuu sɛ wɔakyerɛw wɔ mu sɛ Mordekai na ɔbɔɔ Bigtana ne Teres, ɔhene no piamfo baanu a wɔwɛn ɔhene no pon ano no, ho amaneɛ sɛ wɔrepɛ sɛ wokum Ɔhene Xerxes. 3Ɔhene no bisaa se, “Anuonyam ne kɛseyɛ bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ eyi ho?” Nʼasomfo no buaa no se, “Wɔnyɛɛ hwee amma no.”
4Ɔhene no bisaa se, “Hena na ɔwɔ adiwo hɔ?” Na Haman aba ahemfi no adiwo a ɛwɔ abɔnten hɔ no sɛ ɔrebɛsrɛ ɔhene no sɛ wɔnsɛn Mordekai wɔ dua a Haman asiesie no so.
5Ɔhene no asomfo ka kyerɛɛ no se, “Haman gyina adiwo hɔ.” Ɔhene no kae se, “Momma ɔmmra mu.”
6Haman bae no, ɔhene no bisaa no se, “Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma onipa a ɔhene no ani gye sɛ ɔbɛhyɛ no anuonyam no?” Haman susuw ne mu se, “Hena na ɔhene no ani begye sɛ ɔbɛhyɛ no anuonyam asen me?”
7Enti Haman ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Onipa a ɔhene no ani gye sɛ ɔbɛhyɛ no anuonyam no, 8ma wɔmfa ahentade a ɔhene no afura pɛn, ɔpɔnkɔ a ɔhene no atena so pɛn, ne ahenkyɛw a wɔde besi ne ti so mmra. 9Momfa atade no ne ɔpɔnkɔ no nhyɛ ɔhene no mpanyimfo atitiriw no mu baako nsa. Ɔmfa atade no nhyɛ onipa a ɔhene no ani gye sɛ ɔbɛhyɛ no anuonyam no, na ɔmfa no ntena ɔpɔnkɔ no so mfa no ntwa kurow no mfinimfini, na ɔmpae mu nka wɔ nʼanim se, ‘Sɛɛ na wɔyɛ ma onipa a ɔhene no ani gye sɛ ɔbɛhyɛ no anuonyam no!’”
10“Yɛ ntɛm,” ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “fa atade no ne ɔpɔnkɔ no sɛnea wokae no, na yɛ saa ara ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene no pon ano no. Nnyaw biribiara a woaka no.”
11Haman faa atade no ne ɔpɔnkɔ no, de atade no hyɛɛ Mordekai, de no tenaa ɔpɔnkɔ no so twaa kurow no mfinimfini, na ɔpaee mu kaa wɔ nʼanim se, “Sɛɛ na wɔyɛ ma onipa a ɔhene no ani gye sɛ ɔbɛhyɛ no anuonyam no.”
12Ɛno akyi Mordekai san kɔɔ ɔhene no pon ano, nanso Haman de ahoɔhare kɔɔ fie, ɔredi awerɛhow, na wakata ne ti. 13Haman kaa nea asi nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres ne ne nnamfo nyinaa. Nʼafotufo ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no se, “Esiane sɛ Mordekai a woafi ase rehwe ase wɔ nʼanim no yɛ Yudani nti, worentumi nni no so; ampa ara wobɛhwe ase wɔ nʼanim.” 14Bere a na wɔda so ne no rekasa no, ɔhene no piamfo duruu hɔ, na wɔde ahoɔhare faa Haman kɔɔ apontoɔ a Ester asiesie no ase.