Raba Hwe Ase, na Dawid Hyɛ Ahenkyɛw No
Yoab na ɔko wɔ Raba bere a Dawid te fie, nanso wɔ ha no ɔhene no ba bɛfa ahenkyɛw no. Afei ɔko nketewa abiɛsa ne Filistifo akɛse, a ɔbarima bi a ɔwɔ nsateaa nsia nsia a odii Israel ho fɛw ka ho, na Dawid wɔfa ba kum no.
20 1Bere a afe no dan, bere a ahemfo fi adi kɔ ɔko no, Yoab dii asraafo no anim kɔɔ ɔko, na ɔsɛee Amonfo asase. Afei ɔbaa Raba bɛtwaa ho hyiae, nanso Dawid tenaa Yerusalem. Yoab tow hyɛɛ Raba so, na ɔbubuu no guu fam. 2Dawid yii wɔn hene ahenkyɛw no fii ne ti so. Ne mu duru bɛyɛ sika kɔkɔɔ pɔn aduɔson anum, na wɔde ɛbo a ɛsom bo asi mu, na wɔde too Dawid ti so. Ɔde asade bebree nso fii kurow no mu. 3Ɔde kurow no mu nnipa no fii adi, na ɔde wɔn yɛɛ adwuma a wɔde nsɔw, dade asɔ ne akuma yɛ. Saa ara na Dawid yɛɛ Amonfo nkurow nyinaa. Afei Dawid ne nʼasraafo nyinaa san kɔɔ Yerusalem.
Akɛsefo no Hwe Ase wɔ Israel Nsa Mu
4Eyi akyi no, ɔko sii wɔn ne Filistifo ntam wɔ Geser. Saa bere no, Husatni Sibekai kum Sipai a ɔyɛ Rafa asefo no mu baako, na wɔbrɛɛ Filistifo no ase.
5Ɔko san sii wɔn ne Filistifo ntam. Yair ba Elhanan kum Gitini Goliat nuabarima Lahmi, Goliat a ne pea dua no mu yɛ kɛse sɛ dua kɛse a emu yɛ duru no. 6Ɔko san sii bio wɔ Gat, faako a ɔbarima kɛse bi wɔ hɔ a ɔwɔ nsateaa nsia wɔ ne nsa biara so ne nansoaa nsia wɔ ne nan biara so, ne nyinaa aduonu anan—ɔno nso fi Rafa asefo mu. 7Bere a odii Israel ho fɛw no, Dawid nuabarima Simea ba Yonatan kum no. 8Eyinom yɛ Rafa asefo a wɔwoo wɔn wɔ Gat, na wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsa mu.