Yehoiakim Tew Atua tia Babilonia
Yehoiakim tew atua, akorɔmfoɔ ba, na nsɛm no bɔ ne nti din: Manase mogya a ɛho nni asɛm, a yɛn Agya mfa mfiri no. Nebukadnesar to Yerusalem ho twɛn; Yehoiakin de ne ho ma, na wɔfa no ne mpanimfoɔ, adwumfoɔ ne asɔredan sika kɔ nnommumfa mu. Ahiafoɔ nko ara na wɔka hɔ, wɔ ne wɔfa bi a wɔsesa ne din frɛɛ no Sedekia ase.
24 1Yehoiakim bere so no, Babilonia hene Nebukadnessar tow hyɛɛ asase no so; Yehoiakim somm no mfe abiɛsa, na afei ɔdan tew atua tiaa no. 2Afei yɛn Agya somaa Babiloniafo, Aramfo, Moabfo ne Amonfo akodɔm baa ne so; ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔ ntia Yuda na wɔnsɛe no, sɛnea yɛn Agya nam ne nkoa adiyifo no so kae no. 3Ɛyɛ yɛn Agya ahyɛde nti na eyi baa Yuda so, sɛ ɔbɛyi wɔn afi nʼanim Manase bɔne nti, nea ɔyɛe nyinaa no, 4na ɛsan yɛ mogya a edi bem a ɔhwie guu no nti, efisɛ ɔde mogya a edi bem ahyɛ Yerusalem ma, na yɛn Agya ampɛ sɛ ɔde kyɛ. 5Yehoiakim nneyɛe a aka, nea ɔyɛe nyinaa no, wɔnkyerɛw ngu Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma mu anaa?
6Enti Yehoiakim ne ne nananom kɔdae, na ne ba Yehoiakin bedii hene wɔ nʼanan mu.
7Misraim hene amfi nʼasase so bio, efisɛ Babilonia hene afa Misraim nsase nyinaa, efi Misraim Asuwa so kosi Asubɔnten Eufrate.
8Bere a Yehoiakin dii hene no, na wadi mfe dunwɔtwe, na odii hene wɔ Yerusalem abosome abiɛsa; ne na din de Nehusta, Elnatan babea a ofi Yerusalem. 9Ɔyɛɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ yɛn Agya ani so, sɛnea nʼagya yɛe no.
Wɔfa Yerusalem Nnommum Kɔ Babilonia
10Saa bere no, Babilonia hene Nebukadnessar nkoa no kɔtow hyɛɛ Yerusalem so, na wotwaa kurow no ho hyiae. 11Babilonia hene Nebukadnessar ankasa baa kurow no so bere a ne nkoa no atwa ho ahyia no. 12Yuda hene Yehoiakin ne ne na, ne nkoa, ne mpanyimfo ne nʼahemfie asomfo fii adi kɔɔ Babilonia hene nkyɛn, na Babilonia hene kyeree no dommum, nʼahenni afe a ɛto so awotwe mu. 13Ɔfaa yɛn Agya fi ne ahemfie no ademude nyinaa fii hɔ, na otwitwaa sika kɔkɔɔ nkuku a Israel hene Salomo yɛ maa asɔredan no nyinaa mu asinasin, sɛnea yɛn Agya kae no. 14Ɔfaa Yerusalem nyinaa nnommum: mpanyimfo nyinaa, akofo akɛse nyinaa, nnommum 10,000, ne adwumfo ne atomfo nyinaa. Asase no so ahiafo nkutoo na wɔkaa hɔ. 15Ɔfaa Yehoiakin nnommum kɔɔ Babilonia ne ɔhene no na, ne yerenom, ne mpanyimfo ne asase no so mpanyimfo atitiriw, na ɔde wɔn fii Yerusalem kɔɔ Babilonia. 16Babilonia hene faa akofo 7,000 nyinaa, adwumfo ne atomfo 1,000 nnommum kɔɔ Babilonia; wɔn nyinaa yɛ ahoɔdenfo a wɔfata ɔko. 17Babilonia hene de Yehoiakin wɔfa Matania sii hene wɔ nʼanan mu, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Sedekia.
Sedekia Di Hene wɔ Yuda
18Sedekia dii hene bere a wadi mfe aduonu baako, na odii hene wɔ Yerusalem mfe dubaako; ne na din de Hamutal, Yeremia a ofi Libna babea. 19Ɔyɛɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ yɛn Agya ani so, sɛnea Yehoiakim yɛe no. 20Yɛn Agya abufuw nti, eyi nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, kosii sɛ ɔpam wɔn fii nʼanim. Afei Sedekia tew atua tiaa Babilonia hene.