Mordekai Kɛseyɛ
Nsɛm a ɛtwa to wɔ nkyekyem abiɛsa mu, sɛ ahemfie abakɔsɛm: ɔhene to tow wɔ asase ne mpoano nsupɔ so, na wɔkae Mordekai a afei ɔdi ɔhene akyi tẽẽ no sɛ ɔde saa tumi no hwehwɛɛ ne nkurɔfo yiyedi na ɔkaa asomdwoe kyerɛɛ ne nkurɔfo nyinaa.
Ti 10.
10 1Ɔhene Ahasweros de towtua too asase no so ne po mpoano nsase so. 2Ne tumi ne nʼahoɔden nnwuma nyinaa, ne Mordekai kɛseyɛ a ɔhene no ma no kɔɔ soro no ho asɛm nyinaa, wɔntwerɛ ntoo hɔ wɔ Media ne Persia ahemfo abakɔsɛm nhoma mu anaa? 3Yudani Mordekai na odi Ɔhene Ahasweros so; ɔyɛ ɔkɛse wɔ Yudafo mu, ne nuanom bebree ani sɔ no, ɔhwehwɛ ne nkurɔfo yiyedi, na ɔka asomdwoe asɛm kyerɛ nʼasefo nyinaa.