Abusua no Si Ɔfasu no Bio Abom
Ɛpon ne ɛpon, fã ne fã, kurow no mu nyinaa fa nnwinnade: asɔfo, sikadwumfo, aduhwam yɛfo, mantam sodifo, mmarima a wofi Yeriko ne Tekoa, ne Salum a ɔne ne mmabea yɛ adwuma. Tekoa atitiriw nko ara na wɔampɛ sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ayɛ adwuma no.
3 1Ɔsɔfopanyin Eliasib ne ne mfɛfo asɔfo no sɔree sii Nguan Pon no. Wohyiraa no, na wɔde nʼapon no sisii hɔ; wohyiraa ɔfasu no kosii Ɔha Abantenten no ho, kosii Hananel Abantenten no ho. 2Yerikofo sii fã a ɛbɛn wɔn no, na Imri babarima Sakur sii fã a ɛbɛn Yerikofo no.
3Hasena mmabarima sii Mpataa Pon no bio, de ne nnua no too so, na wɔde nʼapon, ne dadaben ne nʼakyiremu nnua sisii hɔ. 4Hakoz nena Uria babarima Meremot siesiee fã a ɛbɛn wɔn no. Mesesabel nena Berekia babarima Mesulam siesiee fã a ɛbɛn Meremot no. Baana babarima Sadok siesiee fã a ɛbɛn Mesulam no. 5Tekoafo siesiee fã a ɛbɛn wɔn no, nanso wɔn atitiriw no ampɛ sɛ wɔde wɔn kɔn bɛhyɛ wɔn awuranom adwuma no ase.
6Pasea babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam siesiee Pon Dedaw no: wɔde ne nnua no too so, na wɔde nʼapon, ne dadaben ne nʼakyiremu nnua sisii hɔ. 7Gibeonni Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima, siesiee fã a ɛbɛn wɔn no, fã a ɛyɛ Asubɔnten no Agya Mantam so amrado no tenabea dea no. a a v7 Asubɔnten no Agya Mantam no yɛ Persiafo amammuo mantam a ɛkataa nsase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔe fam nyinaa so, a Yuda ka ho. 8Harhaia babarima Usiel a ɔyɛ sikadwumfo no mu baako siesiee fã a ɛbɛn no. Hanania a ɔyɛ nnuhwam yɛfo no siesiee fã a ɛbɛn Usiel. Wɔsan yɛɛ Yerusalem foforo kosii Ɔfasu Tɛtrɛtɛ no ho. 9Hur babarima Refaia a ɔyɛ Yerusalem mantam no fã sodifo no siesiee fã a ɛbɛn wɔn no. 10Harumaf babarima Yedaia siesiee fã a ɛbɛn wɔn a ɛne ne fi di nhwɛanim no; na Hasabneia babarima Hatus siesiee fã a ɛbɛn Yedaia no. 11Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub siesiee fã foforo bi ne Fononoo Abantenten no. 12Halohes babarima Salum a ɔyɛ Yerusalem mantam no fã sodifo no siesiee fã a ɛbɛn no; ɔno ne ne mmabea na wɔyɛɛ saa.
13Hanun ne Sanoa nkurɔfo siesiee Bon mu Pon no; wɔsan sii no, de nʼapon, ne dadaben ne nʼakyiremu nnua sisii hɔ, na wɔsiesiee ɔfasu no bɛyɛ anammɔn apem ahannum kosii Sumina Pon no ho.
14Rekab babarima Malkia a ɔyɛ Bet-Hakerem mantam no sodifo no siesiee Sumina Pon no; ɔsan sii no, na ɔde nʼapon, ne dadaben ne nʼakyiremu nnua sisii hɔ.
15Kol-Hose babarima Salun a ɔyɛ Mispa mantam no sodifo no siesiee Asuti Pon no; ɔsan sii no, kataa ne so, na ɔde nʼapon, ne dadaben ne nʼakyiremu nnua sisii hɔ. Ɔsiesiee Siloam Nsukorabea no ɔfasu a ɛbɛn Ɔhene Turo no nso, kosii atrapoe a ɛfi Dawid Kurow mu sian ba fam no ho. 16Ne nkyi no, Asbuk babarima Nehemia a ɔyɛ Bet-Sur mantam no fã sodifo no siesiee kosii beae a ɛne Dawid nna no di nhwɛanim, kosii nsukorabea a wɔtoe no ne Akofo Fi no ho. 17Ne nkyi no, Lewifo no siesiee: Bani babarima Rehum. Hasabia a ɔyɛ Keila mantam no fã sodifo no siesiee fã a ɛbɛn Rehum no maa ne mantam. 18Ne nkyi no, wɔn nuanom Lewifo no siesiee fã a edi so: Henadad babarima Binui a ɔyɛ Keila mantam no fã sodifo no. 19Yesua babarima Eser a ɔyɛ Mispa sodifo no siesiee fã a ɛto so abien a ɛbɛn Binui, a ɛne akodeɛ dan no foro kwan a ɛwɔ Ɔfasu Kyea no ho di nhwɛanim. 20Ne nkyi no, Sabai babarima Baruk de ahopere siesiee fã foforo bi, fi Ɔfasu Kyea no ho kosii ɔsɔfopanyin Eliasib fi kwan ano. 21Ne nkyi no, Hakoz nena Uria babarima Meremot siesiee fã foforo bi, fi Eliasib fi kwan ano kosii ne fi no awiei. 22Ne nkyi no, asɔfo a wofi tataw a atwa ho ahyia no so no siesiee. 23Afei Benyamin ne Hasub siesiee fã a ɛne wɔn fi di nhwɛanim. Afei Anania nena Maaseia babarima Asaria siesiee fã a ɛbɛn ɔno ankasa fi. 24Ne nkyi no, Henadad babarima Binui siesiee fã foforo bi, fi Asaria fi ho kosii Ɔfasu Kyea no ne ɔfasu no twɔtwɔw ho. 25Usai babarima Palal siesiee fã a ɛne Ɔfasu Kyea no ne abantenten a efi ɔhene ahemfi a ɛwɔ soro no mu pue no di nhwɛanim, a ɛbɛn awɛmfo adiwo no. Ne nkyi no, Paros babarima Pedaia siesiee. 26Asɔredan mu asomfo a wɔtenaa Ofel no siesiee kosii beae a ɛne Nsu Pon no di nhwɛanim wɔ apuei fam, ne abantenten a epue no ho. 27Wɔn nkyi no, Tekoafo siesiee fã a ɛto so abien, fi beae a ɛne abantenten kɛse a epue no di nhwɛanim kosii Ofel ɔfasu no ho.
28Asɔfo no siesiee Apɔnkɔ Pon no atifi fam, wɔn mu biara siesiee fã a ɛne ɔno ankasa fi di nhwɛanim. 29Wɔn nkyi no, Imer babarima Sadok siesiee fã a ɛne ne fi di nhwɛanim. Ne nkyi no, Sekania babarima Semaia a ɔwɛn Apuei Pon no siesiee. 30Ne nkyi no, Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔto so asia no siesiee fã foforo bi. Wɔn nkyi no, Berekia babarima Mesulam siesiee fã a ɛne ne tenabea di nhwɛanim. 31Ne nkyi no, Malkia a ɔyɛ sikadwumfo no mu baako siesiee kosii asɔredan mu asomfo ne aguadifo no fi a ɛne Nhwehwɛmu Pon no di nhwɛanim no ho, kosii abansoro dan a ɛwɔ ɔfasu no twɔtwɔw ho no ho. 32Sikadwumfo ne aguadifo no siesiee fã a ɛda abansoro dan a ɛwɔ ɔfasu no twɔtwɔw ho no ne Nguan Pon no ntam.