Dawid Kyerɛ Mefiboset Apam Adɔe
Dawid bisa sɛ obi wɔ Saul fie a ɔda so te ase anaa, na ɔnyɛ no yɛn Agya ayamye. Siba bɔ Mefiboset din, ɔbubuafoɔ a n'anan mmienu nyinaa adi dɛm, a ɔte Lo-Debar. Dawid de Saul asase san ma no, na ɔma ɔtena ɔhene didipon ho—na ɔfrɛ ne ho kraman funu.
9 1Dawid bisaa se, “Obi da so aka wɔ Saul abusua mu a mɛtumi akyerɛ no adɔe Yonatan nti anaa?” 2Saul fifo no wɔ akoa bi a wɔfrɛ no Siba, na wɔfrɛɛ no baa Dawid nkyɛn. Ɔhene no bisaa no se, “Wone Siba?” Obuae se, “Wʼakoa ni.”
3Ɔhene no bisaa se, “Obiara nkaa Saul fi mu a mɛtumi akyerɛ no yɛn Agya adɔe anaa?” Siba buaa ɔhene no se, “Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ; ne nan abien nyinaa bubu.” a a v3 Dawid pɛ sɛ ɔkyerɛ Mefiboset apam adɔe koro no ara a yɛn Agya kyerɛ no: ɔdɔ a obiara mfaa ne ho nnya, a ɔhwie gu wɔn a wonni boafo ne wɔn a wɔapo wɔn so.
4Ɔhene no bisaa se, “Ɛhe na ɔwɔ?” Siba buae se, “Ɔwɔ Amiel babarima Makir fi wɔ Lo-Debar.”
5Enti Ɔhene Dawid somaa ma wɔkɔfaa no fii Amiel babarima Makir fi wɔ Lo-Debar de no bae. 6Bere a Saul nana Yonatan babarima Mefiboset baa Dawid nkyɛn no, ɔde nʼanim butuw fam kotowee. Dawid frɛɛ no se, “Mefiboset!” Obuae se, “Wʼakoa ni.”
7Dawid ka kyerɛɛ no se, “Nsuro,” na ɔtoaa so se, “efisɛ ampa ara mɛkyerɛ wo adɔe wʼagya Yonatan nti. Mede wo nanabarima Saul nsase nyinaa bɛsan ama wo, na daa wobɛdidi wɔ me pon so.”
8Mefiboset kotowee kae se, “Wʼakoa yɛ dɛn a wobɛhwɛ ɔkraman funu te sɛ me?”
9Afei ɔhene no frɛɛ Saul akoa Siba ka kyerɛɛ no se, “Mede biribiara a na ɛyɛ Saul ne ne fifo nyinaa dea ama wo wura nana. 10Wo ne wo mmabarima ne wʼasomfo na ɛsɛ sɛ moyɛ asase no so adwuma ma no, na mutwa nnɔbae no de ba, sɛnea wo wura nana benya aduan adi. Nanso wo wura nana Mefiboset de, daa ɔbɛdidi wɔ me pon so.” Siba wɔ mmabarima dunum ne asomfo aduonu.
11Siba ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Biribiara a me wura ɔhene no hyɛ no, mɛyɛ.” Enti Mefiboset didii wɔ Dawid pon so sɛ ɔhene mmabarima no mu baako. 12Mefiboset wɔ babarima ketewa bi a wɔfrɛ no Mika, na wɔn a wɔwɔ Siba fi nyinaa somm Mefiboset. 13Mefiboset tenaa Yerusalem, efisɛ daa na ɔdidi wɔ ɔhene no pon so; na ne nan abien nyinaa bubu.