Mommra a Moayɛ Krado sɛ Wɔbɛsɔ Mo Ahwɛ
Wɔahyɛ nsrahwɛ a ɛto so abiɛsa no da, na saa bere yi Paulo rennya wɔn a wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne no ahummɔbɔ. Wɔpɛɛ adanse sɛ Kristo kasa fa ne so, enti ɔdan sɔhwɛ no fa wɔn so: monhwehwɛ mo ho mu. Anka ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mmerɛw wɔ yɛn Agya tumi mu na ohu sɛ wɔayɛ pɛ sen sɛ ɔbɛba abesɛe.
13 1Eyi ne mprɛnsa so a mereba mo nkyɛn. “Ɛsɛ sɛ wɔde adansefo baanu anaa baasa adansedi si asɛm biara so dua.” 2Meka kyerɛɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne kan no ne afoforo nyinaa ansa—sɛnea meyɛe bere a mebaa mo nkyɛn ne mprenu so no—na afei a minni mo nkyɛn yi nso, mereka akyerɛ wɔn se: sɛ mesan ba a, merenhu wɔn mmɔbɔ, 3efisɛ mopɛ adanse sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnyɛ mmerɛw wɔ mo ho, na mmom ɔwɔ tumi wɔ mo mu. 4Efisɛ wɔbɔɔ no asɛndua mu wɔ mmerɛwyɛ mu, nanso ɔte ase denam yɛn Agya tumi so. Efisɛ yɛn nso yɛyɛ mmerɛw wɔ ne mu, nanso yɛne no bɛtena ase denam yɛn Agya tumi so wɔ mo ho.
5Monsɔ mo ho nhwɛ—mowɔ gyidi no mu anaa? Monhwehwɛ mo ho mu. Munnim sɛ Yesu Kristo wɔ mo mu, gye sɛ moanni sɔhwɛ no mu nkonim? 6Na mewɔ anidaso sɛ mobɛhunu sɛ yɛn ankasa yɛanni nkogu wɔ sɔhwɛ no mu.
7Yɛbɔ mpae kyerɛ yɛn Agya sɛ monnyɛ bɔne biara—ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ wɔapene yɛn so, na mmom sɛ mobɛyɛ nea ɛteɛ, sɛ ɛte sɛ nea wɔmpene yɛn so mpo a. 8Efisɛ yɛntumi nsɔre ntia nokware no, na mmom yɛtumi yɛ ade ma nokware no nko ara. 9Yɛn ani gye bere a yɛyɛ mmerɛw na mo de moyɛ den no; yɛbɔ mpae nso sɛ wɔbɛsiesie mo pɛpɛɛpɛ. 10Eyi nti na mekyerɛw saa nsɛm yi bere a minni mo nkyɛn yi, sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ mewɔ mo nkyɛn a, ɛrenhia sɛ meyɛ mo den wɔ tumi a Awurade de maa me no ho—tumi a ɛyɛ sɛ mede bɛkyekye mo, na ɛnyɛ sɛ mede bɛsɛe mo.
Agya no Ɔdɔ ne Nʼasomdwoe
11Awiei koraa no, anuanom mmarima ne mmea, momma mo ani nnye, mommɔ mmɔden na wɔnsiesie mo pɛpɛɛpɛ, monhyɛ mo ho mo ho nkuran, momma mo adwene nhyia, montena ase asomdwoe mu—na yɛn Agya a ɔdɔ ne asomdwoe fi ne mu no bɛka mo ho. 12Mumfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho mo ho.
13Akronkronfo no nyinaa kyia mo.
14Yɛn Awurade Yesu Kristo adom, yɛn Agya ɔdɔ, ne Honhom Kronkron no fekubɔ a emu dɔ no nka mo nyinaa. a a v14 Saa nhyira a ɛde krataa no ba awiei no bɔ Nnipa baasa no nyinaa din bom—Ɔba no, Agya no ne Honhom Kronkron no—na ɛyɛ asomafo no nhyira a ɛsan de asɔfo nhyira a ɛde yɛn Agya din too ne nkurɔfo so no ba bio.