Agya no Yi Atoro Adiyifo Adi
Adiyifo a wɔbɔ wɔn ankasa anisoadehu na asɛm yi tia wɔn. Wɔteɛm sɛ asomdwoe wɔ hɔ bere a asomdwoe nni hɔ, na wɔde hyirew sra ɔfasu mmerɛw a yɛn Agya hyɛ bɔ sɛ ɔde ahum bɛbubu agu fam. Mmea a wɔkyekyere suman wɔ abasa so de yi nnipa no, wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔbɛtetew suman no.
Yɛn Agya kasa wɔ nkyekyɛmu ahorow 2–23
13 1Yɛn Agya asɛm baa me nkyɛn se:
2“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel adiyifo a wɔhyɛ nkɔm no, na ka kyerɛ wɔn a wofi wɔn ankasa koma mu hyɛ nkɔm no se: Montie yɛn Agya asɛm! 3Otumfo Agya se: Due ma adiyifo nkwaseafo a wodi wɔn ankasa honhom akyi na wɔnhuu hwee no! 4Israel, wo adiyifo te sɛ sakraman a wɔwɔ amamfo mu. 5Moanforo ankɔ mpaapaemu hɔ, na moansi ɔfasu mma Israel fi sɛnea ɛbɛgyina pintinn wɔ ɔko mu wɔ yɛn Agya da no. 6Wohu anisoadehu a ɛyɛ atoro ne abisa a ɛyɛ nkontompo, na wɔka se, ‘Onyankopɔn se,’ nanso yɛn Agya nsomaa wɔn—na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn asɛm no bɛba mu. a a v6 Saa adiyifo yi bɔ Agya no ankasa din wɔ nsɛm a ɔmfaa mmaa wɔn da so — ɛyɛ atoro a wɔde kyere ne tumi, na ɛnyɛ ne nne ankasa. 7Bere a mokaa se, ‘Yɛn Agya se,’ nanso mankasa da no, ɛnyɛ anisoadehu a ɛyɛ atoro na mohuu, na abisa a ɛyɛ nkontompo na mokae?
8Enti sɛɛ na Otumfo Agya se: Esiane sɛ moaka atoro na moahu nkontompo nti, metia mo—Otumfo Agya na ose. 9Me nsa tia adiyifo a wohu anisoadehu a ɛyɛ atoro na wɔka nkontompo nkɔm no. Wɔrenka me nkurɔfo badwa ho, wɔrenkyerɛw wɔn din wɔ Israel nkyerɛwee mu, na wɔrenkɔ Israel asase so. Afei mobɛhunu sɛ mene Otumfo Agya no.
10“Yiw, esiane sɛ wɔdaadaa me nkurɔfo ma wɔfom kwan, na wɔka se, ‘Asomdwoe,’ bere a asomdwoe biara nni hɔ nti; sɛ obi si ɔfasu a ɛnyɛ den a, wɔde ɛfitaa sra ho. 11Ka kyerɛ wɔn a wɔsra ho ɛfitaa no se ɛbɛbu agu. Osu kɛse a ɛyiri bɛtɔ, asukɔtweaa bɛtɔ, na ahum bɛbɔ. 12Sɛ ɔfasu no bu gu a, wɔremmisa mo se, ‘Ɛfitaa a mode sraa ho no wɔ he?’
13Enti sɛɛ na Otumfo Agya se: Mʼabufuhyew mu mɛma ahum abɔ, mʼabufuw mu osu kɛse a ɛyiri bɛtɔ, na mʼabufuw a ano yɛ den mu asukɔtweaa bɛtɔ de asɛe ade. 14Mɛbubu ɔfasu a mosraa ho ɛfitaa no, na mabɔ no fam, ama ne fapem ada adi. Ɛbɛbu agu, na mobɛyera wɔ ne mu. Afei mobɛhunu sɛ mene mo Agya. 15Enti mɛhwie mʼabufuw agu ɔfasu no ne wɔn a wɔsraa ho ɛfitaa no so. Mɛka akyerɛ mo se: Ɔfasu no nni hɔ bio, na wɔn a wɔsraa ho no nso nni hɔ bio. 16Israel adiyifo a wɔhyɛɛ nkɔm faa Yerusalem ho na wohuu asomdwoe anisoadehu maa no bere a na asomdwoe biara nni hɔ no—Otumfo Agya na ose.
17“Na wo, onipa ba, fa wʼani kyerɛ wo nkurɔfo mu mmaa a wofi wɔn ankasa koma mu hyɛ nkɔm no. Hyɛ nkɔm tia wɔn. 18Ka se: Otumfo Agya se: Due ma mmaa a wɔpam asuman nkahoma gu nsa biara ho, na wɔyɛ nkataanim ma ti ahorow nyinaa de sum akra afiri no! Mobɛsum me nkurɔfo akra afiri, na moahwɛ mo ankasa de so? 19Moagu me ho fi wɔ me nkurɔfo mu esiane atoko nsa ma kakra ne paanoo asinasin nti; moakum akra a ɛnsɛ sɛ wowu, na moagyaa akra a ɛnsɛ sɛ wɔtena nkwa mu, ɛnam atoro a moadi akyerɛ me nkurɔfo a wotie atoro no so.
20Enti Otumfo Agya se: Metia mo asuman nkahoma a mode sum akra sɛ nnomaa no. Mɛtetew afi mo basa so, na mayi akra a mosum wɔn sɛ nnomaa no. 21Mɛtetew mo nkataanim, na mayi me nkurɔfo afi mo nsam; wɔrenyɛ ahayide wɔ mo nsam bio. Afei mobɛhunu sɛ mene mo Agya. 22Esiane sɛ mode atoro bɔɔ ɔtreneeni abam bere a menhaw no no, na mohyɛɛ omumuyɛfo den sɛnea ɔrennan mfi ne kwan bɔne so mfa nnye ne nkwa nti, 23enti morenhu anisoadehu a ɛyɛ atoro bio, na morenyɛ abisa bio. Mɛgye me nkurɔfo afi mo nsam, na mobɛhunu sɛ mene mo Agya.”